file_ids stringlengths 38 40 | Audio audioduration (s) 23.4 1.08k | Transcript stringlengths 131 10.4k |
|---|---|---|
19-d5bc64b142f2a7ed97dfaef09319a65e.mp3 | Na Yesu kɔhyɛnee Yeriko sɛ ɔretwam. Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo a
ɔyɛ togyeni panin na ɔyɛ ɔdefoɔ. Na ɔrehwehwɛ Yesu ahunu ne nipaban, nanso
nkurɔfokuo no nti ɔntumi, ɛfiri sɛ ɔyɛ akwatia. Na ɔtutuu mmirika dii kan
kɔforoo akyee dua bi sɛ ɔrekɔhwɛ no; ɛfiri sɛ ɛhɔ na ɔrebɛfa. Na Yesu duruu hɔ
no, ɔmaa n’a... | |
3-55f8ccf9d8d68a3418a7f622977cf0c1.mp3 | Na ɛrekɔbɔ awia nnɔnmmiɛnsa a wɔbɔ mpaeɛ wɔ mu no, Petro ne Yohane bɔɔ anan kɔɔ
asɔrefie. Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuani firi ne na yam a daa wɔde no bɛto
asɔrefie pono a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie no hɔ
mmɔborɔhunu adeɛ. Na ɔhunuu Petro ne Yohane sɛ wɔrekɔ asɔrefie hɔ no, ɔsrɛɛ
mmɔborɔhunu ... | |
3-32f4aea2d83dc0d538daf038930e3af9.mp3 | Na yeinom ne Aaron ne Mose mmusua, da a AWURADE ne Mose kasaa Sinai bepɔ soɔ no.
Na yeinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, Abihu, Eleasa ne Itamar. Yeinom
ne Aaron mma, asɔfoɔ a wɔsraa wɔn ngo a wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔnni asɔfoɔ no
din. Na Nadab ne Abihu wuwuu AWURADE anim, sɛ wɔde anana gya bi kɔɔ AWURADE anim
S... | |
1-9e4805d644234b9c3273fb854e6e7678.mp3 | Deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ, deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na
yɛde yɛn nsa kaeɛ, wɔ nkwa asɛm no ho, na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahunu,
na yɛdi ho adanseɛ, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na ɛyii ne ho kyerɛɛ
yɛn no ho asɛm kyerɛ mo, deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛka kyerɛ mo nso, na mo
nso ne... | |
2-e55bebdf67d79759340ba987dd820e9c.mp3 | Na mo a anka moyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ ne bɔne mu, na akane no monantee sɛdeɛ wiase
abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ
wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no. Wɔn mu na anka akane no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn
bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ deɛ honam ne adwene pɛ, na sɛdeɛ yɛn awosuo
te... | |
18-f38a8c39c617506b21c5e3ee179906f7.mp3 | Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Mokyerɛ sɛn, sɛ mobu bɛ yi Israel asase so sɛ:
Agyanom twɛre abunu, na mma se fem, a? Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm
nie, ampa ara, moremmu bɛ yi Israel mu bio. Hwɛ, akra nyinaa wɔ me. Sɛ agya kra
wɔ me no, sɛ ɔba nso kra wɔ me ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na ɔbɛwuo. Na
s... | |
3-635ad7efc67ea552a35a9bbab0cd8598.mp3 | Na mese: Montie ɛ, Yakob atitire ne Israel fie atemmufoɔ, ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ
mohunu atemmuo? Mo na motane papa na modɔ bɔne, modwa wɔn wedeɛ firi wɔn ho, ne
wɔn nam firi wɔn nnompe ho, na mo na moadi me man nam, na moaworɔ wɔn wedeɛ
afiri wɔn ho, na moabubu wɔn nnompe mu, na moatwitwa no sɛ kukuo mu adeɛ, ne
ɛsɛn mu nam... | |
13-4d8efafbebbd5f1c8d724f2f804912cc.mp3 | Hwɛ, m’ani ahunu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate aseɛ; deɛ monim no, me nso
menim. Mentɔ mu wɔ mo mu. Me deɛ, mepɛ sɛ anka me ne Otumfoɔ no mmom bɛkasa, na
mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn bɛyiyi nsɛm ano. Na mo deɛ, moyɛ atorofoɔ mapa,
ayaresafoɔ ahuhufoɔ ne mo nyinaa. Sɛ momua mo ano mmom koraa a, anka ɛyɛ mo
nyansa. Mo... | |
27-90264b3d7977e540628f6d480d247ff4.mp3 | AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ, hwan na mensuro no? AWURADE ne me nkwa
ahoɔden, hwan anim na me ho mpopoɔ? Nnipa bɔne a wɔhyɛ me so na wɔtane me, sɛ
wɔretoa me abɛsunsuane me a, wɔawatiwatiri na wɔahwehwe ase. Sɛ dɔm kyere me so
nsraban a, m’akoma rentu; sɛ wɔtu me so sa a, ɛno mu mpo na me ho tɔ me. Adeɛ
baako na m... | |
8-7a0994ec33c7505e87658c137b26a49f.mp3 | Na ɛberɛ a Samuel bɔɔ akora no, ɔde ne mma sisii Israel so atemmufoɔ. Na
n’abakan din de Yoel, na deɛ ɔka ho no de Abiya; wɔyɛɛ atemmufoɔ wɔ Beer-seba.
Nanso ne mma amfa n’akwan so, na wɔmane kɔdii mfasoɔ akyi, na wɔgyegyee
adanmudeɛ, na wɔbubuu ntɛnkyea. Ɛnna Israel mpanimfoɔ nyinaa hyia baa Samuel
nkyɛn wɔ Rama bɛka... | |
36-6bc01d12cb0e97d5fcaa77971c80404a.mp3 | Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sii no hene n’agya ananmu Yerusalem.
Yehoahas dii mfeɛ aduonu mmiɛnsa na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ
Yerusalem. Na Misraimhene no tuu no adeɛ so Yerusalem, na ɔgyee asase no apeatoɔ
dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne sika dwetikɛseɛ. Na Misraimhene no de ne nua Eliakim
... | |
6-1abf61bb55fdfee995426921d6440baa.mp3 | Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee nnipa anim sɛ wɔbɛhu mo; anyɛ saa a, monni
akatua wɔ mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto
nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ
wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. Na wo
deɛ, woreyɛ a... | |
2-8aa2a1408a92dfd9519b027543f6af23.mp3 | Na anuanom, mo ara monim sɛ yɛn kwan a yɛnya baa mo nkyɛn no anyɛ kwa. Na ɛwom
sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ,
nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo,
ɔko bebree mu. Na yɛn afotusɛm no mfiri nnaadaa anaa adwemmɔne mu, nanso ɛnnam
nsisie ... | |
65-325299fd7c60d560cabe81a835f6d764.mp3 | Medaa me ho so metwɛn wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan no; na wɔn a wɔanhwehwɛ me
no, metwɛnee sɛ anka wɔbɛhu me. Mekaa sɛ: Menie, menie, mekyerɛɛ ɔman a wammɔ me
din no. Mebaee me nsam daa nyinaa mekyerɛɛ ɔman asobrakyefoɔ, wɔn a wɔnam ɔkwan
a ɛnyɛ so di wɔn adwene akyiri no; ɔman a wɔyi me ahi wɔ m’anim daa, wɔbobɔ
afɔde... | |
20-22e02cd71dff951e7e8777f4eca79425.mp3 | Nna no mu no Hesekia yaree owuyadeɛ. Na Amos ba, Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn
bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu na
worennya nkwa. Ɛnna Hesekia danee n’ani kyerɛɛ ɔfasuo, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ:
Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ ne akoma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ deɛ
ɛyɛ wɔ... | |
16-0a52ddbd0074ed1e784ef7c5d187e40d.mp3 | Na Aaron mma baanu no wuo a wɔbaa AWURADE anim na wɔwuiɛ no akyiri no, AWURADE
kasa kyerɛɛ Mose, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɔnnhyɛne
kronkronbea hɔ nnkɔ ntwamutam no akyi mpata adwa a ɛwɔ adaka no soɔ no anim berɛ
nyinaa mu, na wanwu, ɛfiri sɛ mununkum no mu na meyi me ho mekyerɛ, mpata adwa
no so.... | |
24-20dcc1b2e355587e643c6145a99cac1f.mp3 | Yoas dii mfeɛ nson na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduanan wɔ Yerusalem, na ne
na din de Sibia a ɔfiri Beer-seba. Na Yoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so Ɔsɔfoɔ
Yehoiada berɛ no so nyinaa. Na Yehoiada waree yerenom baanu maa no, na ɔwoo
mmammarima ne mmammaa. Na ɛno akyiri no ɛbaa Yoas akoma mu sɛ ɔbɛsiesie AWURADE
fie ... | |
16-9ac0a23b874902f2bc2d5ef7118947e0.mp3 | Na wɔtu firii Elim, na Israelfoɔ asafo no nyinaa baa Sin serɛ a ɛda Elim ne
Sinai ntam no so. Wɔfirii Misraim asase soɔ no, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a
ɛtɔ so dadu nnanum ne no. Na Israelfoɔ asafo mu no nyinaa nwiinwii tiaa Mose ne
Aaron ɛserɛ so hɔ. Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yɛnwuwu ne
nsa ... | |
2-345fb4492fa454a116cb6d0cf10560e2.mp3 | Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako. Na mpofirim no, ahum
bi a ɛte sɛ mframa a emu yɛ den a ɛrebɔ firi soro bae, na ɛbɛhyɛɛ efie a wɔte mu
no ma. Na tɛkyerɛma a wɔapaepae mu a ɛte sɛ ogya yiyi kyerɛɛ wɔn, na ɛbɛsisii
wɔn atifi mmaako mmaako. Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ
k... | |
5-e03c1a4f34d7d0d3a193a825b0c9c81c.mp3 | Na nna no ne mmerɛ no deɛ, anuanom, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo. Ɛfiri sɛ mo ara
monim yie, sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ ba anadwo. Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ
asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a
ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane. Na mo deɛ, anuanom, monni esum mu, na ɛda no
... | |
24-a16cdcbb3f17a9209e9064b5312b17bc.mp3 | Adɛn nti na Otumfoɔ nhyɛ berɛ ntua abɔnefoɔ ka, na wɔn a wɔni no no nhunu saa
berɛ no? Ebinom deɛ wɔtwe ɛhyeɛ, wɔfom mmoakuo fa yɛne wɔn. Wɔka nwisiaa afunumu
kɔ, wɔgye akunafoɔ nantwie awowa. Wɔsum ahiafoɔ firi ɔkwan so; asase so
amanehunufoɔ bom hunta. Hwɛ, sɛ anwea pradada so mfunumu firi adie no, saa ara
na wɔkɔ wɔ... | |
27-f1e76fc4501dcd77580537457f2adffc.mp3 | Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara
nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ
me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa. Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne mmarima
ahansia a wɔka ne ho no twaa mu kɔɔ Gathene Maok ba Akis nkyɛn. Na Dawid ne Akis... | |
11-87bb17ba8c8e650cec4a752128cf9fc3.mp3 | Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaa Yuda ne Benyamin fiefoɔ no nyinaa ano
hyiae, nnipa a wɔayi wɔn akofoɔ mpemha aduɔwɔtwe, sɛ ɔne Israel rekɔko na
wɔadane ahennie no ama Rehoboam. Na AWURADE asɛm baa Nyankopɔn nipa Semaia nkyɛn
sɛ: Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Israelfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Benyamin
nyinaa s... | |
19-4875c18f36de8189d0fc1ae485fe7dba.mp3 | Na wo deɛ, twa Israel aberempɔn ho kwadwom na ka sɛ: Adɛn na wo na, gyatabereɛ
no butu agyatanini ntam yɛne ne mma gyataburuwa mu? Na ɔyɛnee ne mma mu baako,
ɔyɛɛ gyataburuwa na ɔsuaa ahayɔ; ɔdii nnipa nam, na amanaman tee ne nka, na
wɔkyeree no wɔn amena mu, na wɔde hwene mu kaa twee no kɔɔ Misraim asase so. Na
ne na ... | |
47-f23d2a8d49f3a2d799acd8155f180503.mp3 | Aman nyinaa, mommɔ mo nsam, momfa anigyeɛ nhuro mmɔ ose mma Onyankopɔn. Na
AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu, ɔyɛ ɔhenkɛseɛ asase nyinaa so. Ɔbrɛ aman ase
de hyɛ yɛn ase, na ɔde nkurɔfoɔ hyɛ yɛn nan ase. Ɔyi yɛn apɛgyadeɛ ma yɛn, Yakob
a ɔdɔ no no animuonyam. Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro, AWURADE de
totorobɛnto... | |
22-d5b7eb992002fe387f55af9f228be31b.mp3 | Na Dawid kaa sɛ: Ɛha bɛyɛ AWURADE Nyankopɔn fie no, na ayɛ Israel ɔhyeɛ
afɔrebukyia no. Na Dawid kaa sɛ wɔmmoa ahɔhoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ano, na
ɔsisii aboɔpaefoɔ sɛ wɔmpae aboɔ a wɔasene, na wɔmfa nsi Nyankopɔn fie no. Na
Dawid siesiee dadeɛ bebree a wɔmfa mmɔ aboboano apono ho nnadewa ne nkɔtɔkorɔ ne
kɔbere m... | |
8-69f6f835be77674b5b5f995866182abf.mp3 | Ɛno na Salomo hyiahyiaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo mu atitire, Israel mma
agyanom mmapɔmma nyinaa baa Ɔhene Salomo nkyɛn wɔ Yerusalem, sɛ wɔrekɔ akɔfa
AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro Sion mu aba. Na Israel mmarima nyinaa
bɛhyiaa Ɔhene Salomo nkyɛn bosome Etanim a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nson (a ɛte sɛ
Ahinime) no... | |
4-e8669910dbc3b3922c6580f271227139.mp3 | Mma, montie agya akwankyerɛ, na monyɛ aso na moanya nhunumu. Na adenim pa na
mekyerɛ mo, monnnya me mmara. Na na ɛberɛ a meyɛ abadoma no, ɔbabanin ne ɔba
korɔ, ma me na ne m’agya no; na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma w’akoma
nsɔ me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa. Nya nyansa, nya nhunumu. Mma
wo wer... | |
26-a2e86a8a2a63332b410b3c16df77bad0.mp3 | Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase soɔ sɛ: Kuro a ɛyɛ den wɔ yɛn, ɔde nkwagyeɛ
ayɛ afasuo ne epie. Monhini apono no na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne
mu. Deɛ n’adwene tim wo soɔ na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu, ɛfiri sɛ wo so
na ɔde ne ho toɔ. Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa, ɛfiri sɛ AWURADE Nyankopɔn
... | |
133-2c60fb7dc2cd6b2da72e25d58e04e961.mp3 | Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako. Ɛte sɛ aboɔden ngo pa a
wɔhwie guu Aaron apampamu, ɛsiane guu n’abɔgyesɛ mu, na ɛsiane guu n’atadeɛ
mmuano so. Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na ɛhɔ na AWURADE
ahyɛ nhyira, aane, nkwa de kɔsi daa. | |
13-71315fafaac25904d757e772d5424516.mp3 | Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina,
na Dawid ka kyerɛɛ Israel badwa no nyinaa sɛ: Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛfiri
AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛmmu mu nsoma mma wɔnkɔ yɛn nuanom a wɔaka
Israel nsase nyinaa soɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkuro mu
no nk... | |
122-5330c90381d65166965fc1e630dea6a6.mp3 | M’ani gyee sɛ wɔsee me sɛ: Ma yɛnkɔ AWURADE fie. Yɛn nan bɛgyina w’aponkɛseɛ mu,
ao, Yerusalem. Yerusalem a wɔakyekyere no sɛ kuro a ɛtoatoam yie. Ɛhɔ na
mmusuakuo no nante korɔ, mekyerɛ AWURADE mmusuakuo, sɛ wɔrekɔyi AWURADE din ayɛ,
sɛdeɛ nhyehyɛɛ a ɔde ama Israel teɛ no. Ɛhɔ na wɔde nkonnwa sisi maa atemmuo,
Dawid f... | |
4-d42ef018843b6d3a8b2e2893bc0546c1.mp3 | Na wɔrekasa akyerɛ ɔman no no, asɔfoɔ ne asɔrefie safohene ne Sadukifoɔ baa wɔn
so. Na ɛyɛɛ wɔn ahi sɛ wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no, na wɔreka awufoɔ mu sɔreɛ wɔ Yesu
din mu, na wɔkyeree wɔn de wɔn kɔsiee sɛ adeɛ nkye; ɛfiri sɛ na enwunu adwo. Nso
wɔn a wɔtee asɛm no mu bebree gye diiɛ, na nnipa no dodoɔ bɛyɛ mpemnum. Na ɛba... | |
5-aed1c0ea8babaa8224efbfd9e55f356c.mp3 | Wɔabɛka sɛ adwamammɔ wɔ mo mu, adwamammɔ a ɛnni abosonsomfoɔ mpo mu, sɛ obi ne
n’agya yere da. Na morehoahoa mo ho, na mo werɛ anho amma wɔanyi deɛ ɔyɛɛ saa
adeɛ no amfiri mo mu. Na me deɛ, menni hɔ honam fam deɛ, nanso mewɔ hɔ honhom
mu, na mabu deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ hɔ. Sɛ mo ne me honhom
hyia... | |
15-45f6510c977fba6f6a0e61fc4a4877a4.mp3 | Anuanom, afei merekae mo asɛmpa a mekaa mo, na mogyeeɛ nso, na mogyina mu nso,
na afei wɔnam so gye mo nkwa no, sɛ mosɔ mu den sɛdeɛ mekaa mo asɛmpa no a, anyɛ
saa deɛ a, na moagye adi kwa. Na nsɛm a adi kan a me nso menyaeɛ a mede mehyɛɛ
mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no. Na wɔsiee no,
n... | |
7-7c44425bf9cf70162bc8e3f43bb08047.mp3 | Anaasɛ, anuanom, monnim, na merekasa mekyerɛ wɔn a wɔnim mmara no, sɛ mmara di
onipa so ne nkwa nna nyinaa anaa? Na ɔbaa a ɔhyɛ ne kunu aseɛ deɛ, wɔde mmara
akyekyere no asa ne kunu, berɛ a ɔte aseɛ no; na sɛ ne kunu no wu a, wɔasane no
afiri okunu no mmara no ho. Enti ne kunu no da so te aseɛ no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ
ɔba... | |
60-53f24c9ad94b6b9f748adc67a495f0f0.mp3 | Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so. Na hwɛ, esum
bɛkata asase so, na esum kabii akata aman so; nanso AWURADE bɛpue wo so na
n’animuonyam abɛda adi wo so. Na amanaman bɛnante aba wo hann no ho, na ahemfo
aba hyerɛn a apue wo soɔ no ho. Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, na hwɛ; wɔn nyinaa
aboa ano ... | |
28-46ea67a9c0ce8ccf7b5f6ccbf06041ef.mp3 | Aane dwetɛ wɔ ne nkommena, na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhorɔ. Dadeɛ nso wɔtu no fam,
na wɔnane aboɔ yɛ kɔbere. Onipa ma esum to twa, na ɔhwehwɛ kɔduru akyirikyiri pɛ
sum kabii ne sunsum mu aboɔ. Ɔtu nkoron deɛ obi nteɛ hɔ, anammɔn a ɛtwam werɛ
firi no, ɔsensɛne hɔ, ɔdi ahim deɛ ɔdasani biara nnie hɔ. Asase wɔ hɔ yi, aduane... | |
9-6d786acd4a6f6ffdae90195a67d72050.mp3 | Na wɔkan Israel nyinaa twerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, na hwɛ, wɔatwerɛ wɔn
din wɔ Israel ahemfo nwoma mu. Wɔtuu Yuda kɔduaa Babel, wɔn amumuyɛ nti. Na wɔn
a wɔdii kan sane bɛtenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ
ne asɔrefie asomfoɔ. Na Yerusalem deɛ, Yuda mma ne Benyamin mma ne Efraim ne
Ma... | |
21-26c7b21695e0c5c37f27c392e17ca690.mp3 | Sɛ wohunu obi a wɔaku no da wiram asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa
no so, na wonnim deɛ ɔkumm no a, ɛnneɛ wo mpanimfoɔ ne w’atemmufoɔ mfiri adi
nkɔsusu nkɔduru nkuro a ɛdeda deɛ wɔaku no no ho no so; na kuro a ɛbɛn deɛ wɔaku
no no ho no, saa kuro no mu mpanimfoɔ mfa nantwiburuwa a wɔmfaa no nyɛɛ adwuma
na ... | |
5-d9e4389f3d22d6703dc6d4f98353cc51.mp3 | Na yei akyi no, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE,
Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ma me man nkɔ na wɔnkɔhyɛ fa mma me wɔ ɛserɛ so. Na
Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim AWURADE
no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ. Na wɔse: Hebrifoɔ Nyankopɔn abɛhyia yɛn; enti
ma yɛn... | |
3-7cd9fa84392f87db56b5463752dfbeaa.mp3 | Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom
nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso
woawuo. Nyane, na hyɛ nkaeɛ a ɛrebɛwuo no den. Na menhunuu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ
me Nyankopɔn anim. Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera
w’adwene! N... | |
19-71afdd075a832ecbf089556ee9f1d070.mp3 | Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ɔfirii Galilea, na ɔbaa Yudea ahyeɛ so,
Yordan agya. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yadeɛ wɔ hɔ. Na
Farisifoɔ baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe, sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ɔgyaa
ne yere anaa? Na ɔbua see wɔn sɛ: Monkenkanee sɛ ɛfiri mfitiaseɛ no, deɛ ɔbɔɔ
onipa n... | |
107-e790e67d4100df29f5a1c093c817d873.mp3 | Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa. Ma wɔn a AWURADE agye wɔn nka
saa, wɔn a wagye wɔn afiri ɔhohiahiafoɔ nsam, na waboaboa wɔn ano afiri nsase
soɔ, afiri apueeɛ ne atɔeɛ, afiri atifi fam ne anafoɔ fam. Wɔkyinkyinii anwea
pradada so, nkyɛkyerɛ a ɛnni kwan so, wɔanhunu kuro biara antena mu. Ɛkɔm dee
wɔn, su... | |
2-0fa5ae4f2a17a3b0cfb685d3518deb1d.mp3 | Yei nti ɛsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛateɛ no mu den ma no boro soɔ, na yɛamfiri ho da
bi. Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfoɔ so kaeɛ no timii, na mmarato ne asoɔden biara nyaa
n’akatua a ɛsɛ a, yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane
afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa
... | |
44-ca8c6207c736e5fdcc3d9693e837c7ff.mp3 | Na afei tie, O m’akoa Yakob ne Israel a mayi woɔ. Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ woɔ, na
ɔnwonoo wo firii yafunu mu, na ɔbɛboa woɔ no seɛ nie: Nsuro, m’akoa Yakob, ne
Yesurun a mayi woɔ. Na mɛhwie nsuo agu asase a sukɔm de no no so, na nsuwansuwa
agu asase pɛsɛɛ so; mɛhwie me honhom agu w’asefoɔ so, na me nhyira agu wo mma
so. Na w... | |
12-d60d6f5f9661e8a7c32edeb5d56e8a67.mp3 | Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbaa bi nyinsɛn
na ɔwo ɔbabanin a, ne ho nte nnanson te sɛ ne nsabuo nna mu a ne ho nteɛ no. Na
da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔntwa abɔfra no twetia. Na ɔntena tannan mu adaduasa
nnammiɛnsa n’ahodwira mogya mu; ɔnnka ade kronkron biara na ɔmmma kronkronbea hɔ
kɔs... | |
35-d5b64fbdb575571daf81a965a4c53af3.mp3 | Asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn, Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba
berɛ soɔ nie: Kɔ Rekabfoɔ fie, na ɛne wɔn nkɔkasa, na fa wɔn bra AWURADE fie
mpia no baako mu, na ma wɔn nsa nnom. Ɛnna mekɔfaa Habasinia ba Yeremia ba
Yaasania ne ne nuanom ne ne mmammarima nyinaa ne Rekabfoɔ fiefoɔ nyinaa, na mede
wɔn baa... | |
1-f06fc4b2dbf4d6345ffc84aa8ad3589e.mp3 | Hilkia ba Yeremia a ɔfiri asɔfoɔ a wɔwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no mu no nsɛm
nie. Ɔno na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ soɔ,
n’ahennie afe a ɛtɔ so dummiɛnsa mu. Na ɛbaa Yudahene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba
berɛ so nso, de bɛsii Yudahene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛtɔ so dubaako
awieeɛ, ... | |
26-417734564515f2f822e56d804e16cdae.mp3 | Na sɛ wonya duru asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so na wofa
tena so a, fa so aduadeɛ a wobɛnya no w’asase a ɔde rema woɔ no soɔ no nyinaa so
aduanekan no bi gu kɛntɛn mu, na fa kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ
ne din ntena no, na kɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ so saa berɛ no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Mepa... | |
102-f7b3cda3816d3a46a359a5aa1965c897.mp3 | Ao, AWURADE, tie me mpaebɔ, na ma me sufrɛ nnuru w’anim. Nyi w’anim nhunta me,
da a me ho hia me no, brɛ w’aso ase ma me, da a mesu mefrɛ no, yɛ ntɛm gye me
so. Na me nna hi sɛ wisie, na me nnompe adɔ sɛ mmukyia. M’akoma abo na akusa sɛ
ɛfan, na m’ani apa m’aduanedie so. M’apinisie nne nti me nnompe afemfam me
wedeɛm. ... | |
11-67d5bfb09bd9aa4ca918b56a78a5b421.mp3 | Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fie no apueeɛ fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ
apueeɛ no ano; na hwɛ, na mmarima aduonu nnum gyina ɔponkɛseɛ no ano, na mehunuu
Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu. Na ɔka
kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔdwene abususɛm na wotu fo bɔne,
kur... | |
64-fa383d6ab92452fef2d3eeebabd8ca30.mp3 | Onyankopɔn, tie me nne, m’abooboo mu, bɔ me nkwa ho ban, na ɔtamfoɔ ammɛyi me
hu. Fa me hunta firi nnipa bɔne kokoam agyinatuo ho, firi amumuyɛfoɔ gyegyeegye
ho. Wɔn na wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ afena, wɔkuntunu tadua mu rebɛto wɔn
mmɛmma, ɛne nsɛm fo, sɛ wɔbɛto abɔ deɛ ɔyɛ pɛ no kokoam, wɔto bɔ no mpofirim, na
wɔnsuro... | |
15-2365a35a024286f633bdb24a6d75553c.mp3 | Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no. Me ho ban biara a ɛnso aba no,
ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree. Asɛm a maka makyerɛ mo
no nti, mo ho anya afi. Montena me mu, na me nso mentena mo mu: Sɛdeɛ ban ntumi
mfiri ɔno ara mu nso aba gye sɛ ɛtena bobe no mu no, saa ara nso na montumi, gye
s... | |
20-671afd01af56b35a357b48dec7ef363a.mp3 | AWURADE ntie wo hiada, Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban, ɔmfiri kronkron mu hɔ
mmɛboa wo, na ɔmfiri Bepɔ Sion mmɛhyɛ wo den. Ɔnkae w’aduane afɔdeɛ nyinaa, na
wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ n’ani. Ɔmma wo deɛ w’akoma pɛ, na ɔmma wo tirim asɛm nyinaa
mmra mu. Ma yɛmmɔ ose wɔ wo nkonimdie ho, na yɛn Nyankopɔn din mu na yɛhim yɛn
fra... | |
19-e26b53c407a6138939bedcd6d9a13a71.mp3 | Ohiani a ɔnam ne pɛyɛ mu yɛ sene deɛ ɔkyea n’anomu nsɛm na ɔyɛ kwasea. Ɔkra a
nimdeɛ abɔ no nyɛ, na deɛ ne nan ase yɛ herɛ no yɛ bɔne. Onipa agyimisɛm
kyinkyim ne kwan, na n’akoma huri tia AWURADE. Ahonya ma obi nya nnamfo pii, na
mmɔborɔni ne ne yɔnko ntam tete. Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu
atorosɛm n... | |
21-b100fa31fef3c5593c4e44134bfa8f35.mp3 | Na Dawid baa Nob Ɔsɔfoɔ Ahimelek nkyɛn. Na Ahimelek de ahopopoɔ bɛhyiaa Dawid,
na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo nko ara wonam na onipa biara nka wo ho yi?
Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek sɛ: Ɔhene ahyɛ me asɛm bi die, na waka akyerɛ
me sɛ: Mma obiara nnhunu adekodeɛ a meresoma wo ho ne deɛ mahyɛ woɔ no ho
biribia... | |
20-a4205f9fe0cd25da14bb6a7b96c45d73.mp3 | Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔfiri soro resiane a ɔkura ebunu no ano safoa ne
nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛseɛ bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dada a ɔno ne Ɔbonsam ne Satan
no, kyekyeree no mfirinhyia apem, na ɔtoo no twenee ebunu no mu, na ɔtoo mu, na
ɔsɔɔ ano na wankɔdaadaa amanaman bio kɔsi sɛ mfirinhyia apem no bɛwie duro ansa;
nanso ɛ... | |
1-542e8b633f13842c35294b1983acbbd1.mp3 | Yesu Kristo, [Nyankopɔn ba] asɛmpa no mfitiaseɛ. Sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Odiyifoɔ
Yesaia nwoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ adi w’anim ɔno na ɔbɛsiesie wo
kwan. Obi nne reteam ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene!
Yohane ba bɛbɔɔ asu wɔ ɛserɛ so, na ɔkaa adwensakyera asubɔ a ɛde kɔ bɔne fakyɛ
mu.... | |
2-5a2232b4f24fdf35d1657a91d947b324.mp3 | Nso yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo ba ne yɛn ano a wɔbɛboa aba ne
nkyɛn no ho deɛ, mommma wɔnnnane mo adwene ntɛm, na wɔnntu mo bo honhom anaa
asɛm anaa nwoma a wɔse ɛfiri yɛn nkyɛn no ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu.
Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, ɛfiri sɛ ɛremma, gye sɛ ɔwaeɛ a
wɔbɛwaeɛ no... | |
29-6e67472840461c757212f5959d1419dd.mp3 | Yei ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam Moab asase so nka apam a
ɔne wɔn pamm Horeb ho no mu nsɛm no ho. Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn
sɛ: Mo ara moahunu deɛ AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo
ani so wɔ Misraim asase soɔ no nyinaa, nsɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ,
nsɛnkyerɛnn... | |
7-0db34dea817a15f22d10560ca4305cf2.mp3 | Din pa yɛ sene ngo a ne boɔ yɛ den, na owuda yɛ sene awoda. Efie a ayie wɔ mu
korɔ yɛ sene efie a apontoɔ wɔ mu korɔ, ɛfiri sɛ ɛno yɛ nnipa nyinaa awieeɛ, na
ɔteasefoɔ de hyɛ n’akomam. Awerɛhoɔ yɛ sene sereɛ, na anim mmɔbɔmmɔbɔyɛ mu na
akoma nam nya suahunu. Anyansafoɔ akoma wɔ abooboodie fie, na nkwaseafoɔ akoma
wɔ ah... |
End of preview. Expand in Data Studio
- Downloads last month
- 18