Audio stringlengths 109 111 | Transcript stringlengths 131 10.4k |
|---|---|
Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ. Abraham woo Isak, na Isak
woo Yakob, na Yakob woo Yuda ne ne nuanom. Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera, na
Peres woo Hesron, na Hesron woo Ram, na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo
Nahson, na Nahson woo Salmon, na Salmon ne Rahab woo Boas, na Boas ne Rut woo
Obed, na ... | |
Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi
firi Apueeɛ baa Yerusalem bisaa sɛ: Ɛhe na Yudafoɔ hene a wɔawo no no wɔ? Na
yɛahunu ne nsoromma wɔ Apueeɛ, na yɛreba abɛkoto no. Na Ɔhene Herode teeɛ no,
ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa akoma tui; na ɔhyiaa ɔman no mu asɔfoɔ mpanimfoɔ ne
Atwerɛfoɔ ... | |
Na nna no mu no, Yohane a ɔyɛ osuboni no ba bɛkaa asɛm wɔ Yudea serɛ so sɛ:
Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn. Na oyi ne deɛ Odiyifoɔ Yesaia
kaa ne ho asɛm sɛ: Obi nne reteam wɔ ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma
n’atempɔn ntene! Nso na Yohane yi fira ntoma a wɔde yoma nwi na ayɛ, na nwoma
abɔsoɔ b... | |
Ɛnna Honhom no de Yesu kɔɔ serɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. Na ɔdii mmuada
adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no. Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne
nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo. Na
ɔbuaa sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm
biara... | |
Na ɔhunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, ɔkɔɔ bepɔ no so; na ɔtenaa aseɛ no, n’asuafoɔ baa
ne nkyɛn. Na ɔbuee n’ano kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ: Nhyira ne honhom mu ahiafoɔ, na wɔn
na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea. Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na
wɔbɛkyekyere wɔn werɛ. Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi
so. Nhy... | |
Monhwɛ yie na moanyɛ mo tenenee nnipa anim sɛ wɔbɛhu mo; anyɛ saa a, monni
akatua wɔ mo Agya a ɔwɔ soro no nkyɛn. Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto
nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ
wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada. Na wo
deɛ, woreyɛ a... | |
Mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn. Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ
a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo. Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ,
na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu? Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua
sɛ: Ma menyi duaa no mfiri w’ani so, wɔ berɛ ko a mpuna wɔ w’ani soɔ?
Nyaatwom... | |
Na ɛberɛ a ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi. Na hwɛ,
ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi. Na
ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na ne kwata no kɔeɛ.
Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na
kɔma... | |
Na ɔtenaa kodoɔ mu twa baa ɔno ara ne kurom. Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare
mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani
no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo. Na hwɛ, Atwerɛfoɔ no mu
binom kaa wɔn mu sɛ: Onipa yi ka abususɛm. Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔkaa sɛ:
Adɛn n... | |
Na ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dummienu no bae, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi sɛ wɔntu wɔn,
na wɔnsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa. Na asomafoɔ dummienu no din nie: Deɛ ɔdi
kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro ne ne nua Andrea; Yakobo a ɔyɛ Sebedeo ba no ne ne
nua Yohane, Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne... | |
Na ɛbaa sɛ Yesu wiee n’asuafoɔ dummienu no kasakyerɛ no, ɔfirii hɔ sɛ
ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka asɛm wɔn nkuro mu. Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase
no, ɔsomaa n’asuafoɔ kɔbisaa no sɛ: Wone deɛ ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ ɔfoforɔ
kwan? Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ, na monkɔka deɛ moteɛ na mohunu yi nkyerɛ
Yohane: Anifir... | |
Ɛberɛ no mu no, Yesu kɔfaa aburoofuo bi mu homeda bi; na ɛkɔm dee n’asuafoɔ no,
na wɔfitii aseɛ pempanee mmɛtem no bi weeɛ. Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka
kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’asuafoɔ yɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda. Na ɔsee wɔn
sɛ: Monkenkann deɛ Dawid yɛeɛ, berɛ a ɛkɔm dee no ne wɔn a wɔka ne ho no? Sɛdeɛ
ɔkɔɔ... | |
Ɛda no ara Yesu firii fie kɔtenaa mpoano. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii boaboaa wɔn ho
ano baa ne nkyɛn, ɛno nti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa mu; na nkurɔfokuo no nyinaa
gyinagyina mpoano. Na ɔkasaa pii mmebuo mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ogufoɔ bi firii
adi kɔguu aba. Na ɔreguo no, ebi kɔguu kwankyɛn, na nnomaa ba bɛsosɔe. Ebi nso
kɔguu... | |
Ɛberɛ no mu no, Ɔmansinihene Herode tee Yesu nka na ɔsee n’asomfo sɛ: Yohane
suboni no ne no; wanyane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na tumideɛ yi yɛ adwuma wɔ
ne mu yi. Na Herode asɔ Yohane mu akye no de no akɔto afiase, ne nua Filipo yere
Herodia nti. Ɛfiri sɛ Yohane ka kyerɛɛ no sɛ: Wonni ho kwan sɛ woware no. Na
ɔpɛɛ ... | |
Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ: Adɛn nti na
w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm no soɔ? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.
Na Yesu buaa wɔn sɛ: Adɛn nti na mo nso mo atetesɛm nti, monni Nyankopɔn ahyɛdeɛ
soɔ? Na Onyankopɔn ahyɛ sɛ: Di w’agya ne wo na ni, na deɛ ɔka agya anaa ɛna ho
a... | |
Na Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no ba bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro
nsɛnkyerɛnneɛ bi. Na ɔbua see wɔn sɛ: Ɛduru anwummerɛ a, mose: Ewiem bɛte ɛfiri
sɛ ɔsoro abere. Na anɔpa mose: Ahum bɛtu nnɛ, ɛfiri sɛ ɔsoro abere na ayɛ kusuu.
Monim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ deɛ, montumi nkyerɛ
mu.... | |
Na nnansia akyiri no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ
tentene bi so wɔ fa baabi. Na ɔsakyeraa wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia,
na ne ntadeɛ yɛɛ fitaa sɛ hann. Na hwɛ, Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn
ne no kasaeɛ. Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, ɛyɛ sɛ yɛtena ha; sɛ wopɛ
a... | |
Ɛdɔn no ara mu na asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛbisaa sɛ: Hwan ne ɔkɛseɛ koraa wɔ
ɔsoro ahennie no mu? Na Yesu frɛɛ abɔfra bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini, na ɔkaa
sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, moannane na moanyɛ sɛ mmɔfra a, morentumi nhyɛne ɔsoro
ahennie no mu. Enti obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno ara ne ɔkɛseɛ
... | |
Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ɔfirii Galilea, na ɔbaa Yudea ahyeɛ so,
Yordan agya. Na nkurɔfoɔ akuakuo pii dii n’akyi, na ɔsaa wɔn yadeɛ wɔ hɔ. Na
Farisifoɔ baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe, sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ɔgyaa
ne yere anaa? Na ɔbua see wɔn sɛ: Monkenkanee sɛ ɛfiri mfitiaseɛ no, deɛ ɔbɔɔ
onipa n... | |
Na ɔsoro ahennie te sɛ onipa bi a ɔyɛ afuowura a ɔfirii adi anɔpatutuutu sɛ
ɔrekɔbɔ adwumayɛfoɔ paa akɔ ne turo mu. Na ɔne adwumayɛfoɔ no dii ano sɛ da koro
denare baako no, ɔmaa wɔkɔɔ ne bobe turo mu. Na ɔfirii adi bɛyɛ anɔpa nnɔnkron
kɔhunuu afoforɔ sɛ wɔgyinagyina dwa ase kwa. Na ɔsee wɔn nso sɛ: Mo nso monkɔ me
bob... | |
Na wɔbɛnee Yerusalem na wɔduruu Betfage, Ngo Bepɔ ho no, Yesu somaa asuafoɔ
baanu see wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na ntɛm ara mobɛhunu
afunumu a wɔasa no homa ne ne ba; monsane wɔn mfa wɔn mmrɛ me! Na sɛ obi bisa mo
a, monka sɛ: Wɔn ho hia ma Awurade; na ntɛm ara ɔbɛma mode wɔn aba. Na yei
nyinaa sii, na... | |
Na Yesu kasa kyerɛɛ wɔn mmebuo mu bio sɛ: Ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔtoo
ayeforɔ pono maa ne ba. Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn
sɛ wɔmmra ayeforɔ no ase no, nanso wɔampɛ sɛ wɔba. Bio ɔsomaa nkoa foforɔ sɛ:
Monkɔka nkyerɛ wɔn a wɔahyia wɔn no sɛ: Hwɛ, masiesie m’aduane, wɔakum
m’anantwie ne ... | |
Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo ne n’asuafoɔ no sɛ: Mose akonnwa so na
Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ atena. Enti deɛ wɔbɛse mo sɛ monni soɔ no nyinaa, monni
so na monyɛ. Na wɔn nnwuma deɛ, monnyɛ; ɛfiri sɛ wɔka, nanso wɔnyɛ. Na
wɔkyekyere nnesoa duruduro to nnipa mmatiri so; na wɔn ara deɛ, wɔmpɛ sɛ wɔde
wɔn nsateaa mp... | |
Na Yesu firii asɔrefie hɔ a ɔrekorɔ no, n’asuafoɔ no baa ne nkyɛn sɛ wɔrebɛkyerɛ
no asɔrefie aban no. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhunu yeinom? Nokorɛ mese mo sɛ:
Wɔrennya ɔboɔ a ɛsi ɔboɔ so ɛha a wɔrennwiri ngu fam. Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no,
asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom
bɛyɛ... | |
Ɛnna wɔde ɔsoro ahennie no bɛto mmabaawa du bi a wɔtasee wɔn nkanea firi adi sɛ
wɔrekɔhyia ayeforɔkunu no ho. Na wɔn mu nnum yɛ mmadwemma na nnum nso nyɛ
mmadwemma. Na wɔn a wɔnyɛ mmadwemma no faa wɔn nkanea no, wɔamfa ngo ankura; na
mmadwemma no faa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea ho. Na ayeforɔkunu no kyɛreeɛ
no, wɔn ... | |
Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: Monim sɛ aka
nnanu na Twam da adu, na wɔbɛyi onipa ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu. Ɛnna
asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban
mu, na wɔtuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no. Nanso wɔkaa sɛ:
Ɛnyɛ af... | |
Na adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no mu mpanimfoɔ no tuu ne
ho agyina sɛ wɔbɛkum no. Na wɔkyekyeree no de no kɔ kɔhyɛɛ Amrado Pilato nsa.
Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no hunuu sɛ wɔabu no fɔ no, ɔnuu ne ho, na ɔde
nnwetɛbena aduasa no sane brɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no sɛ: Mayɛ bɔne sɛ
mayi mogya... | |
Na homeda no twaa mu no, da a ɛdi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne
Maria baako no baa sɛ wɔrebɛhwɛ ɛda no. Na hwɛ, asase wosoo kɛseɛ pa ara; na
Awurade bɔfoɔ firi soro siane bae, bɛmunii ɛboɔ no firii ɛda no ano, na ɔtenaa
so. Na ne ho te sɛ anyinam na n’atadeɛ hoa sɛ asukɔtweaa. Na ne ho hu nti,
awɛmfoɔ ... | |
Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ nkwa a ɛwɔ Kristo
Yesu mu bɔhyɛ no teɛ no, de kɔma ne dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ
mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu hɔ nka wo! Meda Onyankopɔn a
mefiri ahonim pa mu mesom no sɛ m’agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu
awia ... | |
Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu! Na deɛ wote firii
m’anomu, adansefoɔ bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a wɔbɛtumi
akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa. Na wo nso, mia w’ani hunu amane sɛ Kristo Yesu
sraani pa. Obi nkɔ ɔsa mfa daadaa asetena mu nsɛm mmarebare ne ho, na wasɔ
ɔsahene ani. Na ... | |
Na hunu yei sɛ, nna a ɛdi akyire mu no, mmerɛ a emu yɛ den bɛba. Ɛfiri sɛ nnipa
bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ asɛm
ho asoɔdenfoɔ, bonniayɛfoɔ, wɔn a biribiara ho nte mma wɔn, wɔn a wɔnni tema,
apamsɛefoɔ, nsekubɔfoɔ, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ soɔ, wɔn a wɔyɛ werɛmfoɔ, wɔn a
wɔm... | |
Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn
n’ahoyie ne n’ahennie mu no anim. Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛberɛ a ɛyɛ ne deɛ
ɛnyɛ mu, yi atɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu. Na ɛberɛ
bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a ɛyɛ no. Na ɛnam sɛ wɔn aso mu yɛ wɔn hene
nti, wɔ... | |
Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a
wɔahweteɛ no. Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu a, mommu no anigyeɛ
koraa, na monhunu sɛ mo gyidie no sɔhwɛ yɛ boasetɔ ho adwuma. Na momma boasetɔ
no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ a ɛnkaa mo biribiara ara. Na sɛ ɛka mo mu bi
nyansa a,... | |
Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura
no gyidie nnni afra. Na sɛ onipa a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atadeɛ fɛfɛ ba mo hyiadan
mu, na ohiani nso de atadeɛ tantan ba hɔ, na mohwɛ deɛ ɔhyɛ atadeɛ fɛfɛ no, na
moka sɛ: Wo deɛ, tena deɛ ɛyɛ ha! na moka kyerɛ ohiani no sɛ: Wo deɛ, gyina
noh... | |
Me nuanom, mommma mo mu bebree nnyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, na monim sɛ yɛbɛnya afobuo
kɛseɛ mmom. Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a,
ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ.
Yɛde nnareka to apɔnkɔ ano mu sɛ wɔntie yɛn, na yɛdanedane wɔn kɔ faako a yɛpɛ.
Hw... | |
Ɛhe na akasakasa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fire? Ɛmfiri mo akɔnnɔ a ɛne mo honam
akwaa ko no mu anaa? Mo kɔn dɔ, na monnya. Modi awu na mo ani bere, na montumi
nnuru ho. Moko na motu sa, nanso monnya, ɛfiri sɛ mommisa. Mobisa na monnya,
ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu. Awaresɛefoɔ,
monnim s... | |
Na afei, mo adefoɔ e, mo amanehunu a ɛreba mo soɔ nti, monsu na mommɔ bena! Mo
ahonyadeɛ aporɔ, na nweweboaa awe mo ntadeɛ. Mo sika ne dwetɛ awe nnaakyen, na
ɛho nnaakyen no bɛdi mo adanseɛ, na ɛbɛdi mo nam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapadeɛ,
nna a ɛdi akyire mu. Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a
mode ... | |
Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ: Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na
pae mu ma wɔnhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim. Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ
Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ
Tarsis; na ɔtuaa ka kɔtenaa mu sɛ ɔredwane AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis. Na
AWURADE... | |
Na Yona firi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpaeɛ sɛ: Mefiri m’ahohiahia
mu mesu mefrɛɛ AWURADE, na ɔtiee me; mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu, na
woate me nne. Na wotoo me twenee ebunu mu, ɛpo akoma mu, na ɔhweamo twaa me ho
hyiae; w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa bu faa me so. Na me nso mese: Wɔatu me
afiri w’... | |
Na AWURADE asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ: Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu,
na kɔpae asɛm a mereka makyerɛ woɔ no kyerɛ wɔn. Ɛnna Yona sɔre nam AWURADE asɛm
no soɔ sii mu kɔɔ Ninewe. Nso na Ninewe yɛ kuro kɛseɛ a nnansa na wɔde twa ho
hyia. Na Yona firii aseɛ hyɛnee kuro no mu nantee da koro, na ɔpaee sɛ: Aka
adad... | |
Na asɛm yi anyɛ Yona dɛ koraa, na ne bo fui. Na ɔbisaa AWURADE sɛ: Ao, AWURADE!
ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase soɔ no mekaeɛ nie? Yei ara nti na meyɛɛ ntɛm
sɛ meredwane akɔ Tarsis, ɛfiri sɛ menim sɛ wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfoɔ ne
mmɔborɔhunufoɔ, wo bo kyɛre fu na w’adɔeɛ dɔɔso, na wosesa w’adwene wɔ mmusuo a
wo... | |
Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo wɔ yɛn Agya Nyankopɔn ne
Awurade Yesu Kristo mu: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu
Kristo nka mo. Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti,
ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako
mm... | |
Nso yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo ba ne yɛn ano a wɔbɛboa aba ne
nkyɛn no ho deɛ, mommma wɔnnnane mo adwene ntɛm, na wɔnntu mo bo honhom anaa
asɛm anaa nwoma a wɔse ɛfiri yɛn nkyɛn no ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu.
Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, ɛfiri sɛ ɛremma, gye sɛ ɔwaeɛ a
wɔbɛwaeɛ no... | |
Deɛ ɛdi akyire no, anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn, na Awurade asɛm nnya kwan nkɔ
so, na wɔnhyɛ no animuonyam, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mo hɔ nso. Na wɔnyi yɛn mfiri nnipa
amumuyɛfoɔ ne abɔnefoɔ nsa mu, ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidie.
Ɔnokwafoɔ ne Awurade a ɔbɛhyɛ mo den na wahwɛ mo so ɔbɔnefoɔ no ho no. Na yɛn
ani da mo ... | |
Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn
yɔnko dwumayɛni, ne onuabaa Apia, ne Arkipo, yɛn yɔnko sraani, ne asafo a ɛwɔ wo
fie: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo!
Da biara a mekae wo wɔ mpaebɔ mu no, meda me Nyankopɔn ase, ɛfiri sɛ mete wo dɔ
... | |
Onyankopɔn a tete no ɔnam mmerɛ ahodoɔ ne akwan ahodoɔ so, nam adiyifoɔ so kasa
kyerɛɛ agyanom no, nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn.
Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa. Ɔno
ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma
nyi... | |
Yei nti ɛsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛateɛ no mu den ma no boro soɔ, na yɛamfiri ho da
bi. Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfoɔ so kaeɛ no timii, na mmarato ne asoɔden biara nyaa
n’akatua a ɛsɛ a, yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane
afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa
... | |
Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina
so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu a ɔdi deɛ ɔde no sii hɔ no nokorɛ sɛdeɛ
Mose nso dii Nyankopɔn fie nyinaa mu nokorɛ no. Na oyi deɛ, wɔabu no sɛ
animuonyam bebree sɛ no, sene Mose, te sɛ deɛ ɔsi efie wɔ anidie bebree sene
efie no. ... | |
Saa nti, ɛnam sɛ wɔagya yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, momma yɛnsuro, na mo mu
biara anyɛ sɛ waka akyi. Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso
wɔannya asɛm a wɔteeɛ no ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɛne gyidie no annkɔ bɛn korɔ mu,
wɔn a wɔteeɛ no mu. Na yɛn a yɛagye adie no kɔ ɔhome no mu, sɛdeɛ ɔkaa sɛ: Mekaa
ntam m’... | |
Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam
nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama, sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama
wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia. Na ɛno nti,
ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ ma ne ho, sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔman no. Na obi mfa saa anidie
n... | |
Enti momma yɛmfa mfitiaseɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere
nkɔ deɛ ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakyera ne Nyankopɔn ho
gyidie ne asubɔ ahodoɔ ho nkyerɛkyerɛ ne nsagusoɔ ne awufoɔ sɔreɛ ne daa atemmuo
anto fapem bio. Yei na sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a, yɛbɛyɛ. Na ɛntumi mma sɛ, wɔn
a ... | |
Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ, Abraham kɔkumm
ahene no na ɔresane aba no, ɔkɔhyiaa no hyiraa no. Nso Abraham maa no ade nyinaa
so ntotosoɔ du du, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ tenenee hene kane, na ɛno akyiri nso, ɔyɛ Salem
hene, ɛne asomdwoeɛ hene, ɔnni agya nni na nni awoɔ ntoatoasoɔ, ɔnni nna
mfitiaseɛ... | |
Na nsɛm a yɛreka yi mu titire nie: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panin a wakɔtena tumi kɛseɛ
ahennwa no nifa, ɔsoro sɛ kronkronbea ne nokorɛ ntomadan a Awurade no ara, na
ɛnyɛ onipa, pameeɛ no mu sɔfoɔ. Na ɔsɔfo panin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛdeɛ
ne afɔdeɛ mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma. Na sɛ ɔwɔ asase so deɛ
a, a... | |
Na afei, kane apam no nso wɔ ɔsom ho nhyehyɛɛ ne wiase ha kronkronbea deɛ: Ɛfiri
sɛ, wɔsii ntomadan bi a wɔkɔ mu kane a kaneadua ne ɛpono ne paanoo a ɛgu soɔ wɔ
mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea. Na ntwamutam a ɛtɔ so mmienu no mu wɔ ntomadan a
wɔfrɛ hɔ kronkron mu kronkron. Ɛwɔ sika aduhwamhyeɛ bukyia ne apam adaka a wɔde
sik... | |
Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛsoɔ na ɛnyɛ nnoɔma no suban ankasa
nti, ɛntumi mfa afɔdeɛ korɔ no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da;
na sɛ asɔrefoɔ a wɔate wɔn ho prɛko nni bɔne ho ahonim bio a, anka wɔannyae
afɔrebɔ anaa? Na mmom bɔne ho nkaeɛ wɔ mu daa afirinhyia, ɛfiri sɛ anantwinini
ne ... | |
Na afei gyidie ne adeɛ a yɛn ani da soɔ ho ahotosoɔ ne nnoɔma a yɛnhunu ho
adansegyeɛ. Na yei mu na tetefoɔ no nyaa adanseɛ pa. Gyidie na yɛde te aseɛ sɛ
wiase ahodoɔ wɔde Nyankopɔn asɛm na ɛsiesieeɛ, enti deɛ ani tua firi nnoɔma a
ɛnna adie mu na ɛbaeɛ. Gyidie na Habel de bɔɔ afɔdeɛ a ɛso kyɛne Kain deɛ maa
Onyankopɔ... | |
Saa nti yɛn nso, ɛnam sɛ yɛwɔ adansefoɔ pii a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi,
momma yɛnto adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na ɛtwa yɛn ho hyia si yɛn kwan no ngu,
na yɛmfa boasetɔ ntu akansie a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidie mu
kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu
asɛnnua ama... | |
Onuadɔ ntena hɔ daa. Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na
ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ. Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn
na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so wɔ honam mu
yi. Wɔnni awadeɛ ni, ade nyinaa mu, na wɔnngu awadeɛ mpa ho fi; ɛfiri sɛ
nnwamamfoɔ n... | |
Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea
biara, na esum wɔ ebunu no ani. Na Onyankopɔn honhom butu nsuo no ani. Na
Onyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann. Na Onyankopɔn hunuu hann no sɛ ɛyɛ.
Na Onyankopɔn paee hann ne esum no mu. Na ɔfrɛɛ hann no sɛ adekyee, ne esum no
adesae. Na... |
End of preview. Expand in Data Studio
- Downloads last month
- 9