book stringclasses 1
value | chapter int32 1 1 | segment int32 1 21 | start_sec float32 0 300 | end_sec float32 15 311 | duration_sec float32 10.8 15 | text stringlengths 111 180 | audio audioduration (s) 10.8 15 |
|---|---|---|---|---|---|---|---|
genesis | 1 | 1 | 0 | 15 | 15 | Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase. Ná asaase no wɔ hɔ kwa a wunhu n’adeban, na esum kata nsu no ani, na na Onyankopɔn honhom redi akɔneaba wɔ nsu no ani. | |
genesis | 1 | 2 | 15 | 30 | 15 | Na Onyankopɔn kae sɛ: “Hann mmra.” Ɛnna hann bae. Afei Onyankopɔn hui sɛ hann no ye, na Onyankopɔn fii ase kyɛɛ hann ne sum no mu. Onyankopɔn frɛɛ hann no Awia, na | |
genesis | 1 | 3 | 30 | 45 | 15 | esum no de, ɔfrɛɛ no Anadwo. Ade sae na ade kyee; da a edi kan ni. Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Ewim mmra nsu no ntam, na ɛmmɛpae nsu ne nsu no mu.” Enti | |
genesis | 1 | 4 | 45 | 60 | 15 | Onyankopɔn maa wim bae, na ɛpaee nsu no mu ma ebi kodii soro na ebi kaa fam. Na ɛyɛɛ saa. Onyankopɔn frɛɛ wim no Ɔsoro. Ade sae na ade kyee; da a | |
genesis | 1 | 5 | 60 | 75 | 15 | ɛto so abien ni. Na Onyankopɔn kae sɛ: “Nsu a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako na asaase kesee nyi ne ho.” Na ɛyɛɛ saa. Onyankopɔn frɛɛ baabi a ɛyɛ kesee | |
genesis | 1 | 6 | 75 | 90 | 15 | no Asaase, na ɔfrɛɛ nsu a aboaboa ano no Ɛpo. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Asaase mfifi nwura frɔmfrɔm, afifide a ɛsow aba ne nnua a ɛsow aba; | |
genesis | 1 | 7 | 90 | 105 | 15 | emu biara nsow aba wɔ asaase so sɛnea ne su te.” Na ɛyɛɛ saa. Na nwura frɔmfrɔm fii ase fifii asaase so, afifide a ɛsow aba ne nnua a ɛsow aba; emu biara | |
genesis | 1 | 8 | 105 | 120 | 15 | sow aba sɛnea ne su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. Ade sae na ade kyee; da a ɛto so abiɛsa ni. Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Nkanea mmra wim wɔ ɔsoro na | |
genesis | 1 | 9 | 120 | 135 | 15 | ɛnkyɛ awia ne anadwo mu; na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne na ɛnkyerɛ mmere ne nna ne mfe. Ɛbɛyɛ nkanea wɔ wim na ahyerɛn asaase so.” Na ɛyɛɛ saa. Na Onyankopɔn yɛɛ nkanea akɛse abien, | |
genesis | 1 | 10 | 135 | 150 | 15 | kanea kɛse paa no hyerɛn awia na ketewa no hyerɛn anadwo, na ɔyɛɛ nsoromma nso. Enti Onyankopɔn de sensɛn soro sɛ ɛnhyerɛn asaase so, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyerɛn awia ne anadwo na akyɛ | |
genesis | 1 | 11 | 150 | 165 | 15 | hann ne esum mu. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. Ade sae na ade kyee; da a ɛto so anan ni. Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Abɔde a nkwa wom nyɛ nsu no mu | |
genesis | 1 | 12 | 165 | 180 | 15 | manyamanya na ntuboa nso ntu mfa asaase so wɔ wim.” Na Onyankopɔn bɔɔ ɛpo mu mmoa akɛse ne abɔde a nkwa wom a wɔnenam nsu mu manyamanya nyinaa sɛnea wɔn su te, ne | |
genesis | 1 | 13 | 180 | 195 | 15 | ntuboa a wɔwɔ ntaban nyinaa sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. Afei Onyankopɔn hyiraa wɔn kae sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ ɛpo mu ma, na ntuboa nso nnɔɔso | |
genesis | 1 | 14 | 195 | 210 | 15 | wɔ asaase so.” Ade sae na ade kyee; da a ɛto so anum ni. Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Abɔde a nkwa wom mmra asaase so sɛnea wɔn su te, afieboa ne mmoa a | |
genesis | 1 | 15 | 210 | 225 | 15 | wɔwea ne wuram mmoa sɛnea wɔn su te.” Na ɛyɛɛ saa. Na Onyankopɔn yɛɛ wuram mmoa sɛnea wɔn su te, ne afieboa sɛnea wɔn su te, ne mmoa a wɔwea asaase so | |
genesis | 1 | 16 | 225 | 240 | 15 | nyinaa sɛnea wɔn su te. Na Onyankopɔn hui sɛ eye. Afei Onyankopɔn kae sɛ: “Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛnea yɛte; ma wonnya asaase nyinaa so tumi, na wonnya ɛpo | |
genesis | 1 | 17 | 240 | 255 | 15 | mu mpataa, wim ntuboa, afieboa, ne mmoa a wɔwea asaase so nyinaa so tumi.” Na Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no; ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ | |
genesis | 1 | 18 | 255 | 270 | 15 | wɔn. Afei Onyankopɔn hyiraa wɔn, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma na munnya so tumi, na ɛpo mu mpataa ne wim ntuboa ne abɔde | |
genesis | 1 | 19 | 270 | 285 | 15 | a nkwa wom a wɔnenam asaase so nyinaa, munnya wɔn so tumi.” Ɛnna Onyankopɔn kae sɛ: “Mede afifide a ɛsow aba wɔ asaase so nyinaa ne nnua a ɛsow aba nyinaa ama mo. | |
genesis | 1 | 20 | 285 | 300 | 15 | Ɛnyɛ aduan mma mo. Afei wuram mmoa nyinaa ne wim ntuboa nyinaa ne asaase so abɔde biara a nkwa wom no, mede nhaban momono nyinaa ama wɔn sɛ ɛnyɛ wɔn aduan.” Na | |
genesis | 1 | 21 | 300 | 310.787994 | 10.788 | ɛyɛɛ saa. Afei Onyankopɔn hwɛɛ biribiara a wayɛ, na ohui sɛ, eye paa! Ade sae na ade kyee; da a ɛto so asia ni. |
README.md exists but content is empty.
- Downloads last month
- 28