UNICEF ASR Datasets
Collection
Health domain datasets for UNICEF Project • 3 items • Updated
audio audioduration (s) 3.78 46.5 | text stringlengths 15 305 | audio_file_name stringlengths 9 11 |
|---|---|---|
Mema wo aha, Seewa. Aha ayɛ butubutubutubutu, titiriw ne sukuu adwuma ɛna afei me ne me nnamfonom bɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyiahyia yɛn ho online. Aane, ɛboa paa. Nanso, ɛtɔ da a na nneɛma no adɔɔso; nkra ne amanneɛbɔ a menya no da biara no. | row_106.wav | |
Wonyin a, wufi ase hu sɛ ɛwɔ baabiara, te sɛ asɔre, sukuu mu, ne afie mu nso. Afei de, wufi ase hu sɛ, sɛ woanyɛ sɛnea wo pɛ a, wonyɛ nkonimdifo anaa sɛ wɔre nnɔ wo. Wei deɛ ɛyɛ den paa ara. | row_641.wav | |
Me deɛ, merehwehwɛ nea ɛrekɔ so wɔ me mpɔtam ha. Me ne amanfo) di nkɔmmɔ, na me sukuu adwumadie, no 3yaa na merehwehwɛ nneɛma wɔ online. Aane, ɛyaa me sua nneɛma foforo, na mesan nso ne me nua nom 3kasa wɔ Kumasi. Nea ɛnyɛ ?, ɛtɔ da a nkurɔfo ka nea ɛnyɛ , na ɛno nso nyɛ. | row_239.wav | |
Me deɛ, merehwehwɛ nea ɛrekɔ so wɔ me mpɔtam ha. Me ne amanfoɔ di nkɔmmɔ, na me sukuu adwumadie, no ɛyaa na merehwehwɛ nneɛma wɔ online. Aane, ɛyaa me sua nneɛma foforo, na mesan nso ne me nua nom ɛkasa wɔ Kumasi. Nea ɛnyɛ?, ɛtɔ da a nkurɔfo ka nea ɛnyɛ , na ɛno nso nyɛ. | row_632.wav | |
Ɛyɛ mete sɛ, mmaa mpanimfoɔ no di nkɔmmɔ fa ɔhaw a awoɔ mu, ɛno no ɛyɛ ampa? Ɛyaa na meredwene sɛ, mɛyɛ dɛn agu so akɔ so asukuu, sɛ meware a? Me kunu bɛpɛ sɛ metena fie na meyɛ afie nnwuma. | row_347.wav | |
Me ma wo akye, seewa. Me ho yɛ, nanso nnansa yi ɛyaa na m'ayɛ basaa. ɛfa me nipadua ho. M'ahyɛ aseɛ abu me nsa bosome a atwam mu yi. Nanso da biara a ɛbɛba no, ɛyɛ me sɛ meyɛ nipa foforo. | row_167.wav | |
Ɛyɛ na, w'ɔyɛ wɔn ho te sɛ wɔn anni suɔden, nanso ɛyɛ me sɛ ɛnyɛ obiara na ɔwɔ saa atenka no. Mepɛ sɛ meyɛ obi a obetumi asesa saa nneɛma no, sɛ mpo ɛwɔ me fie mu nko ara a. Seesei deɛ, manya awerɛhyem bi, na ɛyɛ me sɛ wopɛ sɛ woboa no, na ɛkyerɛ sɛ woho ɔmmerɛ. | row_207.wav | |
Me ho ato me asiane sɛ yɛredi adeɛ yi ho nkɔmmɔ. Dɛn na ɛwɔ sɛ meka sɛ obi pɛ sɛ ɔhyɛ me so ma meyɛ adeɛ a mempɛ sɛ meyɛ? Sɛ mpo wanyin sene me a. Ɛyɛ a na nkurɔfo kasa sɛ obi ka sɛ daabi a, ɛmpa nkyerɛ sɛ daabi. Medaase, wɔfa. Yebetumi ahyia bio ɛbɛnada? | row_260.wav | |
Ɛyɛ a, meredwendwene nea ammanfoɔ bɛka sɛ meyɛ biribi foforo a. Ɛma mete nea mepɛ sɛ meyɛ daakye. Esiane sɛ mepɛ sɛ meyɛ abaamu a, medi nhyehyɛe a mpɔtam ha ahyehyɛ ama me no so sen nea mepɛ sɛ meyɛ no. Seesei deɛ, mahu saa. | row_662.wav | |
Wo susu sɛ me maame bɛpɛ sɛ yɛne no bɛka saa afa ho anaa? Me ho ahã me kakra, esiane sɛ me ne wo bɔɔ ho nkɔmmɔ. Wei deɛ ayɛ sɛ asɛdeɛ kɛseɛ paa. Mepɛ sɛ me kɔ sukuu da biara mpo sɛ me bu me nsa a. | row_211.wav | |
Mɛyɛ no sɛn? Me yɛ sukuu ni kɛkɛ, nneɛma bɛn na mɛtwerɛ? Mate ase. Ɛtɔ da a, na dwumadie a yɛyɛ no, na y3bɛ ba no na yɛabrɛ. Esiane sɛ yɛyɛ no abrɛ a, na y’adi agorɔ nti, yɛba no a na obiara abrɛbrɛ a ontumi ntie hwee. Me nwennee ho saa da. | row_284.wav | |
Ɔse menyi m’ani. Ɛyɛ a, ne ɛyɛ me sɛ ɔpɛ sɛ me nyini ntɛm. Me nua baako waree mfie a atwam no. Na me kyɛn no mfie baako pɛ | row_725.wav | |
Ɛwɔ sɛ ɔsoa nsuo na ɔsan ne nnipa kɔ, esiane sɛ ɔse wɔn deɛ, biribiara nni hɔ wɔ sɛ wɔsomu. Ɛwɔ sɛ megyina pintinn ma wɔn, esiane sɛ obi sere wɔn a. Ɛwɔ sɛ me ka ho ɛyɛ biribi saa. | row_443.wav | |
Nti wei no ɛsane so nso fa sɛnea mmaranteɛ ne mmabaa adi nkitaho anaa? Ɛtɔ da, ɛyɛ a nkurɔfo yɛ mmaa sononko. Te sɛ nsɛm bi a wɔka sɛ anikwan sɛ mmabaa bɛkɔ sukuu sɛnea mmaranteɛ kɔ sukuu no. Ɛyɛ m’adwene sɛ ɛyɛ saa na yɛtetee yɛn. | row_470.wav | |
Ɛyɛ me sɛ nea meyɛ nyinaa, menyɛ no yiye. Na ɛyɛ me sɛ ɛwɔ sɛ mekyerɛ sɛ meyɛ barima abrɛ a, mereyɛ nea obiara reyɛ no bi. Daabi, ɔno deɛ, ɛyɛ a ogyina me papa afa. Wɔn nyinaa pɛ sɛ meware. Ɔbɛtie? | row_396.wav | |
Aane, ɛtɔ da a woyɛ basabasa basabasa, na wopɛ sɛ woyɛ sɛ nea woyɛ den. Meyɛ afutuofoɔ. Yɛahu sɛ mmaranteɛ no woyɛ tenten na wɔn nne nso yɛ du. Yɛsan hu sɛ anwiinwii a ɛwɔ wɔn koko so ne wɔn anim no nso hyɛ ase fu. | row_524.wav | |
Saa pɛpɛɛpɛ. Beayɛ a mmaa a wɔadane mmaamefoɔ no betumi asua adeɛ abra wɔn frɛ adeɛ. Ɛwɔ sɛ yɛyɛ obiara sɛ ɔyɛ nipa anaa? Me wɔfa hyɛ me so sɛ ɛwɔ sɛ mehyɛ aseɛ yɛ adwuma wɔ n’adwumam abrɛ biara | row_220.wav | |
Me nnamfonom bi wɔ wurawura mmaa ne mmarima nkitahodie. Aseɛ w’ani gye ho. Sɛ wanyɛ bi a, asɛ nea wahwere biribi. Me deɛ, ɛno ara ne sɛ, masesa nea yɛredi ho nkɔmmɔ no anaa mafiri ho. | row_637.wav | |
Me deɛ, ɛtaa yɛ social media so sɛ me ne me nnamfonom bɔ nkɔmmɔ wɔ WhatsApp. Anaa sɛ ebia yɛrehyia nipa foforo. Ehu a ɛwom sɛ dɛn? Me ne nipa na merekasa, ɛnyɛ sɛ yɛreyɛ adeɛ a enye saa, anaa? Ɔmo nso yɛ nnipa papa. | row_311.wav | |
Ɛden bio na metumi ayɛ sɛ me bo fu a? Ɛyɛ a mepɛ sɛ menante kɔ nsuo no ano anwummere anwummere. Ebia me taa yɛ paa. Ade foforo wɔ ho. Ɛyɛ a na ɛyɛ me adwendwen sɛ ebia wobɛte nnka wɔ me ho, anaa ebia afoforo behu pad no. | row_530.wav | |
Sɛ me ka daabi a, ɔbɛka sɛ me mmu adeɛ. Na sɛ me ka sɛ mesuro nso ɛ? Me mpɛ sɛ me yam bɛhyɛ me o. Me mpɛ sɛ mede me nkwa bɛto asiane mu. Wobetumi aboa me ma me ne no akasa anaa? Me maame deɛ, ɔwɔ mfinimfini. | row_404.wav | |
Ɛyɛ a na wɔsere mmabaa no, ɛne sɛnea ɛwɔ sɛ yɛyɛ wɔn. Sɛ me ne wɔn anyɛ bi a, wɔbɛma me din. Ɛyɛ a na ayɛ sɛ nea wapo me no. Megyedi saa. Ɛyɛ wɔn sɛ wo yɛ barima no kyerɛ sɛ wowɔ tumi wɔ obi so | row_429.wav | |
Me ho ato me deda. Ebia yebetumi akasa afa sɛnea yebesi adi nnamfofoɔ nhyɛsoɔ so. Mepɛ sɛ meyɛ barima pa daakye, nanso ɛtɔ da a menhu kwan a mefa so. Yebɛsan ahyia bere sɛ yi bio o? Ɛyɛ. Ɛyɛ a na me maame redwendwen sɛ mammafie ntɛm a. | row_86.wav | |
Ɛyɛ a ɔka sɛ ɛyɛ me yie y3 nti, esiane sɛ yenni sika. Mesuro ante? Sɛ meware a, ɛdeɛn na ɛbɛto m’adesua? Sɛ menyɛm nso ɛ? Menyɛɛ ho ahoboa. M’adamfo Adwoa waree abrɛ a wanya mfe dunan. | row_508.wav | |
Wɔnkasa da ɛmfa yɛ fahodie so anaa sɛnea yebesi ayɛ sɛ obi tiatia so a. Asɛ makaa. Mennim nsɛm a mesi ayɛ ako atia mpanimfo yi. Ɛyɛ a na ɛyɛ me sɛ ɛwɔ sɛ meso mu saa esiane sɛ me sua na mesan nso yɛ ɔbaa no nti. | row_361.wav | |
Maakye ante, biribiara da din. Esiane sɛ dwadie brɛ no ɛrehyɛ ase aba nti nneɛma ayɛ bututbutu wɔ fie. Mayɛ ante. | row_754.wav | |
Ampa, mmarima no bi wɔ hɔ a, wɔmmɔ nne mu, ɛreyɛ dũ wɔ wɔn ho so, ɛreyɛ den. Nanso mmaa no deɛ, wɔmmɔ ayɛ dinn ase sɛ yɛde mmra ahyɛ wɔn so. Me maame ɛtaa ka sɛ me nua baa no deɛ ne ho dwo, ɔtena fie, ɔboa aduane yɛ, ɔnkasa entia mpanimfoɔ. | row_73.wav | |
Ɛyɛ a medi kooko anɔpa, na afei medi banku ne ɛmoɔ awia sɛ mewɔ sika a. Ɛnyɛ saa. Me maame yɛ adwuma den paa. Nanso yedi nea yebetumi atɔ a, ɛyɛ aduane a ahoɔden wɔ mu. Mogya nte soɔ anaa? | row_79.wav | |
Enti ɛnyɛ sɛ mesua biribi a ɛkyɛn me anaa, wei deɛ asɛ asedeɛ yi so o. Ɛyɛ me sɛ afei deɛ mate aseɛ deɛn nti a na m’ani nnye. Asɛ na mewɔ abɔnten bi a merehwɛ me ho bisaa no anaa? Ɛyɛ me sɛ mereyɛ yiye sen sɛnea na medwene no | row_139.wav | |
Ɛyɛ a na ɛyɛ me sɛ, da biara yɛdeɛ na obi ɛka kyerɛ yɛn nea ɛwɔ sɛ yɛyɛ. Ɛnaa sɛ woreka yɛn anim sɛ yɛnyɛ nea ɛwɔ sɛ yɛyɛ. Ɛyɛ me sɛ wei to asum mu nanso ɛtɔ da a ase obiara ɛmpɛ sɛ obɛtie deɛ ahia no. | row_572.wav | |
Sɛ wonte saa a ɛyɛ wɔyɛ wo te sɛ nea worehwere biribi. Ɛyɛ me sɛ ɛyɛ nea yahu wɔ TV so anaa sini a ɛwɔ nwomtoɔ mu no ntia. Mpo maamafoɔ a wɔwɔ dwom no, ɛyɛ a na wɔreka sɛnea mmabaawa wɔ ho yɛ fɛ esiteɛ. | row_548.wav | |
Mennim sɛ mpɔtam hɔ no nneɛma asesa anaa nti. Yoo, mɛbɔ me ho mmɔden. Mede tweredua ne nwoma ɛreyɛ mfonin wɔ sɛnea me mpɔtam hɔ no esi teɛ, beaeɛ a ɛbɛn dwom no, baabi a mmarima mpanimfoɔ no wɔtenatena no. | row_583.wav | |
Mɛbɔ me ho mmɔden baako bio. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ saa na nneɛma si teɛ. Na mesua sɛ mɛtete nneɛma bi ase. Saa? Mennim da. | row_672.wav | |
Medwene sɛ ɛwɔ sɛ meyɛ ahwɛ yiye wɔ wɔn a megye wɔn tom sɛ me nnamfonom no. Saa nso, memfa nneɛma a ɛwɔ sɛ mede sie no mma obiara, ɛmfa ho sɛnea misi gye wo di. Ɛyɛ yɛkasa fa ho di ho fɛw. Nanso yɛnhyɛ da ntena ase sɛ ebia yɛka ho nneɛma ahia ne nneɛma a ɛyɛ hu fa ho. | row_229.wav | |
Mmabaawa bi a wɔ me sukuu mu, wɔde ntoma dada ebinom so de pad sɛ wɔbɛtumi atɔ a, abinom nso de toilet roll. Meka akyerɛ wɔn, ɛtɔ da wɔnni sika a wɔde bɛtɔ pad. Enti ɛyɛ wɔn sɛ wɔbɛtumi de paper ayɛ. Na wɔbɛyɛ dɛn ato atwene? | row_90.wav | |
Ne nana barima na ɛteetee no. A ne gyidi ne sɛ sɛ ɔbarima ɛkyere mmerɛw yɛ a na ne ho dwo. Ɛyɛ ne sɛ sɛ manyɛ anidɛn a, yɛbɛfa me so. M’aye nso awiase ɛresesa. | row_642.wav | |
Maakye maame, me ho yɛ nanso nokorɛ nie, ɛyɛ a na mayɛ basaa nnansa yi. Esiane nsɛm a metete wɔ me nnamfofoɔ hɔ. Ɛfa mmaa ne mmarima nkitahodie ne nea ase kyerɛ teɛ ɛma mmarima. | row_561.wav | |
Ɛyɛ a na ɛyɛ m’ahi sɛ nneɛma yɛde ma me nua barima no gye sɛ mako ansa na manya saa nneɛma no bi. Saa na ɛte wɔ baabiara. Mpo nwom a yɛtie no, ɛyɛ a na ɛka sɛ mmarima wɔ sika, ɛna mmaa deɛ nea wɔyɛ ne sɛ wɔretwɛn sɛ barima bɛhwɛ ne so. | row_280.wav | |
Yɛbɛtumi akasa afa sɛnea yɛbɛsi aka daabi? Ɛtɔ da a ɛyɛ a na ɛyɛ den esiane sɛ mmarima no, ɛyɛ a na wɔmpenee. Ɛyɛ me dɛ sɛ ɛnyɛ me pɛ na meredwene saa nneɛma yi ho. Na wɔtwe a ɛreba yi mɛsan aba bio. | row_519.wav | |
Wonim, ɔnkɔ register Kwadwo wɔ a wɔawo no mpo. Wɔbɛbu me atɛn wɔ adwuma mu ho. Ɛyɛ a na ɛyɛ me sɛ baabiara a mekɔ biara no, obiara ebuu me atɛn. Ɛyɛ den, aniwu no yɛ den paa. Yɛbɛtumi aka barima no ho asɛm? Me deɛ, mebu afu no koraa. | row_266.wav | |
Ɛyɛ me sɛ mansesa hwee o. Meyɛɛ account no, megyaa no sɛnea ɛsi teɛ no araa. Anwummere yi mɛhwɛ mu ahwɛ. Na ɛyɛ me sɛ meyɛ nea obiara yɛ no a, ɛno deɛ enyɛ adeɛ ɛyɛ bone. Daabi. | row_571.wav | |
Ɛyɛ a na ɛyɛ m’adwene sɛ ɔtete no no ɔmaa nehuu sɛ ɔbarima deɛ n’adwuma ne sɛ ɔbɛkɔ akɔpɛ adwuma de sika aba fie. Ɔbaa deɛ ne deɛ ne fie adeyɛ. Ɛyɛ n’adwene sɛ sɛ meyɛ a na kyerɛ sɛ mayɛ mmerɛ nanso ɛnte saa. | row_697.wav | |
Afei ka kyerɛ me, ɛyɛ wo sɛ obuo wɔ mmarima ne mmaa a wɔwɔ sukuu ha ntɛm anaa? Aane, nanso ɛtɔ da mmaranteɛ no tumi ka asɛm biara kɛkɛ kyerɛ mmaa no. Na mmaa no ɛwɔ sɛ wɔfa no saa. | row_75.wav | |
Ɛtɔ da asɛ nea merebɔ me tirim ɛfa saa nneɛma yi ho. Na me to ɔwɔ mu ɛ, ɛwɔ sɛ megyae? M'ayi mmienu. Eeei, wei deɛ ase ɔwɔ ti. | row_702.wav | |
Hwɛ nkurɔfo sɛn na ɛka sɛ nursing yɛ mmaa adwuma na mfidie nnwuma yɛ mmarima nnwuma? Sɛ meka kyerɛ me maame sɛ mepɛ sɛ meboa me nua baa wɔ gyaade a, ɛpaa kyerɛ sɛ merebu mmra anaa? Ɛyɛ me sɛ minnim nea worehwehwɛ, anaa sɛ menyɛ barima. | row_203.wav | |
Me nwenee ho sɛ me tikyaani yɛ obi a metumi abisa no ho mmoa wɔ nneɛma ɛfa me ankasa me ho. Ɛyɛ a na mesuro sɛ ɔbɛbu me atɛn wɔ nsɛm a mepɛ sɛ mebisa no ho. Ɛyɛ a na ɛto me adwendwene sɛ nneɛma a mereyɛ no saa na ɛwɔ sɛ meyɛ wɔ me ne ɔbaa ne barima ayɔnkofa ho. | row_350.wav | |
Nanso ɔseree na ɔse aduane noa yɛ mmaa adwuma. Na me sɛe mmerɛ wɔ agyaade a, yennhu me sɛ meyɛ abranteɛ a mewɔ ahoɔden anaa tumi wɔ mpɔtam ha. Menim sɛ ɛnyɛ nokorɛ. Hwɛ ahenfo akukudam a ɛwɔ Nkran anaa mmaranteɛ a wɔnoa aduane ɛtɔn. | row_28.wav | |
Ɛyɛ me ya bebree, esiane sɛ sɛ merebɛwie a na makɔtɔ ɔwɔ ahina no mu. Ɛyɛ a na ayɛ sɛ mmɔdenmɔ a meyɛe yi nyinaa no ankɔsi aga. Na m’adu aduanan. Seesei ara no masane akɔda adu. | row_307.wav | |
Efia adeyɔ nyinaa gu ne so. Yɛsan so bɔ ne kɔkɔ sɛ ɔnyɛ ahwɛ yie wɔ sɛnea ɔsi siesie ne ho no. Ɛyɛ a na ɛyɛ me ya. Me ankasa mmom mewɔ nneɛma ɛyɛ a wode si me so hyɛ me so. Nanso ɔno de, asɛ abusuafo no nyinaa wɔ ahyɛso a emu aduru ɛwɔ ne so, titiriw ne m'awofoɔ. | row_332.wav | |
Ɛyɛ bɔne sɛ wobɛkɔtia mpanyinfoɔ anaa? Me maame dwene sɛ me mmu adeɛ anaa sɛ meyɛ babunu a m’asɛm ka yɛ den anaa. Ɛyɛ a na me taa dwene me daakye ho asɛm paa. Biribi te sɛ dɛn na mepɛ sɛ meyɛ sɛ me wie sukuu a. Mepɛ sɛ meyɛ mechanical engineer. | row_51.wav | |
Menhwɛ kwan sɛ akura no nyinaa bɛ sakra anadwo baako pɛ, nanso metumi afi m'ankasa m'abusua ase. Me pɛsɛ me hunu kɛkɛ sɛ wo susu sɛ metumi ama nsakraɛ aba. Ɛtɔ mmreɛ bi a ɔhaw ahorow no te nka sɛ ɛyɛ kɛse dodo ma onipa baako. Ɛno ma me te nka sɛ meyɛ ankonam kɛseɛ wɔ eyi mu. | row_27.wav | |
Obi a ɔwɔ asɛyɛde, ne nam yɛ, ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛ sua ade, na obu nkurɔmfo, nanso ɔwɔ ɔno a ne botaeɛ so. Me nyaeɛ anka nnipa pii a wɔwɔ me mpɔntam susu saa. Ɛtesɛ asɛyɛde kɛse, nanso me susu sɛ me siesie me ho sɛ mebɔmmɔden. Me da wo ase auntie. | row_104.wav | |
Awia pa Auntie, me ho yɛ. Ma brɛ kakraa kɛkɛ wɔ sukuu akyiri, yiw, me maame ka kyerɛ me kakraa, nanso nokware no mu, ɛma me fɛre adeɛ. Nnipa a wɔwɔ me kura ase ka sɛ ɛyɛ nsɛnkyrɛne a ɛkyerɛ sɛ abeawa bi rebɛyɛ ɔbaa, nanso wɔka nso sɛ ensɛ sɛ wode sie. | row_30.wav | |
Nneɛma a ɛfa abusuabɔ anaa sɛnea ɛsɛsɛ mmarima ne mmeawaa yɛ wɔn ade. Me nnamfo ka sɛ, ɛsɛsɛ mmarima yɛ kate, na wɔnkyerɛ wɔn ho ntenka. So ɛte saa? ɛtɔ mmerɛ bi a, me pɛ sɛ me su berɛ a nneɛma mu yɛ den, nanso me te nka sɛ mentumi. So wɔne mmeawa kasa fa eyi ho nso anaa. | row_29.wav | |
Ɔka sɛ wabrɛ sɛ ɔno nkutoo bɛyɛ bibiara berɛ a woakakyerɛ me sɛ menkɔ twa abɔnten anaa men si adwene. Wɔse saa na yɛtetee no wɔ akura no ase. Ɔgydi sɛ ensɛ sɛ wo hu ɔbarima bi sɛ pragoru mu anaa sɛ ɔrehoro mpɛtɛ. Me susuw sɛ ɛsɛsɛ wo sakraa. | row_120.wav | |
Ɛyɛ ntrimmɔden nsɛm sɛ wo bɛ pɛ sɛ wo bɔ woankasa daakye ho ban? Wo ne wo maame akasa afa eyi ho anaa? Me maame se ɔrentiumi nkɔ ntiaa me papa. Ɔsuro nea mpontam fuo no bɛka sɛ m'ankɔ mu a. Eyi yɛ asɛm a emu yɛ den. | row_50.wav | |
Ɔ susuw sɛ, sɛ mmeawa de wɔn ho dodow a, mpontam hɔ foɔ bɛ hwe ase. Me susuw sɛ wɔgyedi sɛ, ɛsɛsɛ nneɛma yɛ saa efirisɛ na ɛte saa berɛ nyinaa. Wɔde atetesɛm di dwuma sɛkyerɛn de ma nkurɔfo yɛ komm. Yɛde hwɛ a, yɛhwe so na afi ase. | row_63.wav | |
Wɔsusuw sɛ, sɛ wɔma aberanteɛ bi kwan a, wɔ bɛ kɔ ɔkwan a ɛyɛ hu. Me susuw sɛ, ɛyɛ nea wɔrenhwehwɛ obi a ɔtie ankasa nti sɛ efie yɛ beaeɛ a ɔtiatiam ara kwa, obi hu obi wɔ abɔnten a ɔyɛ n'adwene te sɛ nea ɔdwen wɔn ho, pɛpɛɛpɛ. | row_118.wav | |
Me kyerɛ sɛ mmɔfra awareɛ yɛ ɔho kwan ahoro a wobufuw. Me hu mmusua ne adwinade a tumi wom sen bibiara a mewɔ a wɔde bɛ sakra wo daakye ne woabusuafo nso daakye. Sɛ me po a, me papa befuw. Ɔse mereyɛ atirimmuden ne anisɔ. | row_110.wav | |
Ɛyɛ papa sen sɛ, mede bibiaru bɛ tum, na afei madi nfumsoɔ, esiane sɛ na m'adwene atu afra nti, wɔkyerɛ sɛ, te sɛ berɛ a saa mmarima mpaninfoɔ no bɔmmɔden sɛ wɔbɛ ma me akɔ fa nneama akɔ. Menim sɛ ɛyɛ bɔne, nanso ɛtɔ mmerɛ bi a, mete nka sɛ ɛsɛsɛ me fata na ama wɔn abu me. | row_39.wav | |
Ɛtɔ mmerɛ bi a, ɛte sɛnea ɛnteɛ nanso saa ara ne nneɛma te berɛ nyinaa. Misusuw sɛ ɔberɛ wɔ ho, nanso ɔnka pii efirisɛ onim sɛ wɔbɛkasa atia no, Ebia ɛsɛsɛ yen nyinaa yɛ kyɛ fie nneɛma no nfa ho nam ebiaa obarima anaa obaa. | row_97.wav | |
Minim sɛ mmara wɔ hɔ, nanso ɛtɔ da bi a, ɛte sɛ sɛnea ɛnyɛ yɛn ho wɔ akura no ase,mate din no, nanso mentee me nan wɔ hɔ da. Sɛ wo ka no saa a nteaseɛ wɔ mu. Ɛte sɛ sɛnea anammɔn kɛseɛ bi wɔ hɔ. Oh wopɛsɛ wo ka "social media". | row_15.wav | |
Ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ ɔbɛ ka sɛ dabi, sɛ osuro sɛ wɔbɛhwe onipa no a, dɛn ne "SGBV"?, so ɛno kyerɛ sɛ obi a obi bɛ bɔ no yɛ ne fa. Mensusuw ho da sɛ nhyɛsoɔ yɛ basabasayɛbi. Na sɛ obi aware dedaw te sɛ ayeforɔ kumaa nso ɛ. | row_94.wav | |
Minim sɛ wo wɔ hɔ nanso nkrɔfo ɛyɛ wɔn ho sɛnea ɔmo sɛe anigye, "HIV" ɛte sɛ adeɛ keseɛ bi anaa ɔhaw kɛseɛ bi ɛwɔ ha. Ɛyɛ asɛm kɛseɛ a mmɔfra a ɔmo wɔ menfe nso efam, nti m'anidaso ne sɛ maduru "zero by 2030" anaa megyedi sɛ metee sɛ ɔmo ka wɔ kasa mfidie so. | row_83.wav | |
Ɛma me pɛsɛ me gyae sukuu ba koraa, me maame ka sɛ nwomasua nkutoo ne ɔkwan a mɛfaso de afiri ɔhia mu, nanso mɛyɛ dɛn atumi de m'adwene asi biribi so, berɛ a me te nka sɛ menni ahokwan no saa no. Ɛtɔ mmerɛ bi a me susu sɛ me hyɛ ntadeɛ ahoro anaa sɛ me yɛ m'ade wɔ adamfofa so kɛse ho a, ebia na wɔbɛgyae. | row_115.wav | |
Na sɛ mehyia obi a menim no nso ɛ? Ofipamfo anaa Ɔkyerɛkyerɛfo, na ɛbɛ yɛ basaa. Nsemmɔnedi a ɛwɔ yen mpontamm hɔ ngyaeɛ. Sɛ wo hu me wɔ hɔ a, ɛbɛ duru annwumerɛ no, na ɛbɛkɔ mpɔntam hɔ nyinaa so akwahosanho adwumayɛfo dwene ɛno mpo ho | row_108.wav | |
Ɛtɔ mmerɛ bi a, me foro awia aduane anaa sɛ me nante akyrikyiri de sie kaa ka, sɛnea ɛbɛ yɛ a mede bɛhyɛ kyakyatoɔ nkrataa mu. Mansusuw ho saa da, na me susuw kɛkɛ sɛ mereyɛ ɔkwan a wɔbɛfaso yɛ adwuma nanso ma hwe pii sen nea madi nkunim nansa yi. | row_58.wav | |
Na me susuw kɛkɛ sɛ wɔreda adamfofa so adi. Me susuw sɛ me rebere mani dodow koraa, mani gye atinka a ɛne sɛ me hu nnipa a me ne no wɔn bɛ kasa ho ara kwa, na saa nkonsonkonso email anaa nkurasɛm a nkurɔfo dena sɛ ɛsɛsɛ me nnamfofɔ du kyɛ nso so ɛ, yiw, berɛ nyinaa. | row_47.wav | |
Awia pa, Aunty. Me susuw sɛ ayɛ yie, nanso nneɛma a ɛwɔ fie no ayɛ basaa kakraa nansa yi. Ɛyɛ me papa ara kwa, ɔkɔ so si so dua sɛ ɛsɛ me gyae boa a meboa me maame wɔ adidan no efirisɛ ɔkasɛ enyɛ mmarima adwuma. | row_114.wav | |
Me tena se kɛkɛ na me susuw sɛ ebia ɛbɛ gyae dabi anaa. Ɛtɔ mmerɛ bi a, me te nka sɛ me bɔ obi berɛ mu a m'abam mbu te sɛ sukuu mu. Me te nka sɛ me so me ho. Dɛn ankasa na eno kyerɛ, nti esiane sɛ wɔyɛ nti, wɔahyɛ me so sɛ meyɛ, mepɛsɛ me gyae. | row_37.wav | |
Na me susuw sɛ me yare anaa sɛ m'apra wɔ me mu, m'anka nkyerɛ me maame esiane sɛ na m'ani awu nti, braayɔ, ɛno na mmaewa a wɔanyinyin no frɛ no sɛ wɔn na yɛ pɛ, nanso adɛn nti na ɛba no saa, sɛ ɛyɛ nsɛnkyerɛne a ɛkyerɛ sɛ biribi abubu wɔ wo mu. | row_6.wav | |
Nanso sɛ mede me ho hyɛɛmu a, ebia anka wɔbɛ ka akyerɛ me sɛ menfa m'ankasa adwuma ho anaa sɛ, ɛnyɛ koraa no ebia na obarima no dan ne bufo bɛ ba me so. Ɛte sɛnea obiara a wɔ wɔ hɔ nti firi sɛ wɔbɔ saa nneɛma yi ho ammaneɛ a, na wɔde ɔhaw reberɛ abusua no ara kwa. | row_103.wav | |
Ɛtɔ dabi a, me ne me nnamfonom gyae agomadi berɛ a yɛwɔ bi no efirisɛ yɛ suro sɛ akwanhyia bɛ sisi. Nanso mmarima no, sɛ wɔsusuw sɛ biribi wɔ hɔ a, wɔ di yɛn ho fɛw sɛ wo nim a so na wɔn ho bɛyɛ fɛ. Me nnua mmarima din ne kɛse, sɔ wɔnim anka m'ani bɛwu | row_66.wav | |
Me maame nnuabaa ka kyerɛ me sɛ, ɛsɛsɛ me gyae bɔɔlbɔ a me ne mmarima a wɔwɔ abɔnten so no bɔ. Wɔkaasɛ ɛnyɛ nea ɛfata sɛ abaayewa bi a ɔne me bɔ tipɛn betu mmirika saa. Me kae sɛ me yɛ abofra ara kwa, sesei ɛsɛsɛ me sɔre ntɛm kɔ pɛ nsuo na me nua aduane ansaana sukuu aba. | row_45.wav | |
Ɔda sa ara kɔ sukuu, ɔda so ara rebɔ bɔɔl te sɛ nea bibiara nsiyɛ. Dɛn nti na ɛyɛ yɛn bibiara nyinaa?, dɛn nti na ɛsɛsɛ yɛ tua yɛn mmienu nyinaa ho ka? Me te nka sɛ woapaw me kɛse dedaw na mennya nkakyerɛ wo mpo, me te nka sɛ me yɛ obi a woapaw me dada. | row_22.wav | |
Nti ɛbɛ tumi ayɛ berɛ biara mprenpren? me ho yera me sɛ ɛba berɛ a me wɔ adesua mu. So eyi kyerɛ sɛ merebɛyɛ ɔbaa, so ɛkyerɛ sɛ metumi awo akokoam aprenpren, ɛno yɛ adwene a ɛyɛ me ahu, Mansusu sɛ mesiesie me ho ama saa asɛdiɛ yi besi ɛnnɛ. | row_92.wav | |
Ɛnneɛ ɛkaa me sɛ abarima de, mehunu, nti woreka sɛ ahopre a yɛde bɛkɔ aware anaa agyaeɛ mu no u nnyɛ anokwan koro pa wɔ aware pa na mmom, biribi a ɛsɛsɛ ɔmanfoɔ boa yɛn ma yɛ kwate. Mansusuw ho da sɛ ɛyɛɛ nnipa nyinaa asɛyɛde. | row_59.wav | |
Berɛ nyinaa me suro sɛ obi behunu wɔn wɔ "dust bin" no mu. Ɛhe na ɛsɛsɛ mede wɔn gu? Ɛtɔ dabi a mehu sɛ woagyaw wɔn wɔ fam wɔ sukuu tiafi mu. Mpɛn pii no me to wɔn gu wɔ nnwura a woaboaboaw no wɔ abɔnten no kɛkɛ. Mebɛhwɛ sɛ menya "bin" a ɛfata firi seisei rekɔ. | row_70.wav | |
Ɛnyɛ mmeawa no nkutoo asɛm na ɛte saa, me kae sɛ wokaa "DOVSU" ho asɛm berɛ a etwam, na sɛ wo repraw obi dedaw nso ɛ? Me te nka yie sɛ minim sɛ adwumayɛfo bi wɔ hɔ a obetumi aboa, mepɛsɛ me hwɛ ho sɛ mereyɛ ade a ɛteɛ, me da wo ase "Aunty". | row_52.wav | |
Wɔte nka sɛ wayɛ ankonam na osuro sɛ wɔbɛba sukuu mpo. Akwan bɛn na wɔbɛfaso "Aunty"? Daabi a wɔbɛka no, ɛnyɛ mmerew berɛ nyinaa, berɛ a obiara reyɛ adeɛ a ɛnteɛ. Me pɛsɛ me yɛ Ɔkyerɛkyerɛfoɔ dabi, nti mɛ bɔ mmɔden sɛ metwi me ho afiri ɔhaw mu, mɛ bɔ mmɔden sɛ mɛkɔso de madwene asi biribi so. | row_7.wav | |
Me susuw sɛ nnipa pii a wɔwɔ ha nnim saa, so wobetumi aba abɛ kasa akyerɛ mmabun ko a wɔwɔ asɔre no, anka wɔbɛtie wo. Nea me pɛ ara ne sɛ me nnamfonom benya daakye pa, so ɛsɛ sɛ yɛ ka STI ho nso ho asɛm. Mmaewa bi nom suro sɛ wɔbe bisa nsɛm. | row_85.wav | |
Sɛ abarima bi afi ase yɛ mmaewa adwuma a, nkurɔfo bɛ kasa. Nti worekasɛ ɛnyɛ sɛ me yɛ ɔbarima nti na me nnwuma no nyɛ, na mmom esiane sɛ ɔmanfoɔ kasa nti, pɛyɛ a enni hɔ. Wokyerɛ sɛ te nea Ama nnya berɛ sua adesua sen me. Mansusuw ho saa da. | row_100.wav | |
Yoo, Ma yɛn hwɛ sɛnea eyi ho kɔ, ɛsɛsɛ me hwɛ ho sɛ merenyɛ te sɛnea me nni obu. Sɛ mentumi nsesa me papa adwen a, ebia metumi asesa fie mu nnyinaa. M'adikan aboa ama woasiesie hɔ, afei me ne ɔno akasa. Onua yebetumi abɔ nkɔmɔ akyire ɛfa den no. | row_96.wav | |
Anɔpa pa Kofi, Ɔkwan bɛn so na wɔrehu wim tebea ɛnnɛ. Ɛyɛ hyew koraa ɛnte saa, anɔpa pa onua, yiw, awia no ayɛ den yie ɛnnɛ, titiriw esiane sɛ na ɛsɛsɛ me firi akura no fa foforo nante. M'ani sɔ sɛ metu saa akwantu no. | row_65.wav | |
Me te nka sɛ me ntkutoo na me wɔ hɔ, ɛte sɛnea ɛdɔɔso sɛ wobedi nyinaa ho adwuma prɛko pɛ. Sesei a m'ahu sɛ metumi abɔ me ho ban no, so ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛsɛ me hwɛ yie kɛse, ɛno te senea emmu yɛ duru, me da so ara yɛ ɔmmarima ara kwa. Nti ɔbarima a wobɛyɛ no, ɛnyɛ nnipadua ho nsakraeɛ ho nkutoo ho asɛm? | row_54.wav | |
Ɛtɔ mmerɛ bi a, mmarima a wɔwɔ sukuu no di saa nneama yi ho aseresɛm na emma me ho nnyɛ me dɛ koraa. Me maame nni adaagyew wɔ adwuma mu nanso ɔka kyerɛ me sɛ, sɛ me wɔ nsɛmmisa a, metumi aba wɔkyɛn. So nneama foforɔ bi wɔ hɔ a ɛsɛsɛ me hwɛ kwan berɛ a mekɔso nnyin. | row_93.wav | |
Me nnamfonom kasɛ, sɛ woanya adamfo a, anaa wonni obi da a, wonyɛ ɔbarima ankasa, nanso nneama te sɛ nnyinsɛn a mempɛ anaasɛ STI mpo haw me. Ɛtɔ dabi a me te nka sɛ me nni obiara a me ne no bɛkasa a ɔte ase, a ɔmmu me aten. | row_89.wav | |
Ɔda so ara su, berɛ a ɛyɛ saa bere no wɔ ɔsram mu no. Ɔka sɛ ɛyaw no dɔɔso dodo, na bere a mepɛsɛ me nya abusua da bi nso ɛ?, so ɛbɛyɛ den saa ankasa. Ɛtesɛ esiane wommu kɛse, Dɛn nti na wɔbɛpɛ saa ama me? Me te nhyɛso kɛse nka. | row_67.wav | |
Yɛte wɔn ho asɛm nanso ɛte sɛ kokobɔ a ɛnfa nnipa a wɔrepiapia yɛn ankasa akɔso no ho. Wɔkasɛ aware yɛ ɔkwan a wofaso nya ahobammɔ, nanso menhu no saa, pɛpɛɛpɛ. Na afei nna mu basabasaeɛ ho asɛm nso wɔ hɔ. | row_41.wav | |
Mehwɛɛ manim tee ɛna me huu dua a na wɔakyerɛw ho. Me nnamfofɔ bi mu empɛ adesua, ɔmo busa me sɛ yɛn pie na yɛn kɔ hwɛ sini anaa yɛn di mmaewa foforɔ akyi, abere a yɛwɔ "homework" a ɛwɔ sɛ yɛyɛ. Ɛyɛ a ɔmo frɛ me adin. | row_82.wav | |
Efisɛ ɔkakyerɛ amanfo sɛ, me no kasaaeɛ a, ebia wɔ bɛ twe me afiri sukuu no mu ntɛm ara na amma me ne obi foforɔ nnkasa. So ɛyɛ basabasayɛ ankasa. Me maame se ɛyɛ ɔkwan a yɛ fa so te ha no ara kwa. Mansusuw ho saa da. | row_105.wav | |
Afei ka kyerɛ me, so wo susuw sɛ obu a ɛdɔɔso wɔ mmarima ne mmaewa a wɔwɔ sukuu no ho ntɛm, mpɛn pii no, yiw, nanso ɛtɔ dabi a, mmarima no susuw sɛ wɔbetumi aka nea wɔpɛ biara akyerɛ mmaewa no ara kwa na ɛsɛsɛ mmaewa no gye ara kwa. | row_75.wav | |
Wo bɛyɛ dɛn mpo ahyɛ saa nkɔmmɔbɔ yi ase, ɛte sɛ sɛnea ammamerɛ a ɛwɔ ham ma ɛyɛ den sɛ wobɛka saa nneama ho asɛm pefee. Me pɛsɛ mɛyɛ adamfo pa, nanso mepɛsɛ me yɛ nnipa a wɔ ka asɛm kyerɛ wɔn. Mɛyɛ dɛn aboa a mennyɛ te sɛ ɔkyerɛkyerɛfo? | row_26.wav | |
Na mepɛ sɛ me ne me Klassifoɔ hyia kɛkɛ, sɛ mennim sɛnea mɛ sesa nsehyɛeɛ ahoro yi a, hena na ɛsɛsɛ me bisa? Misusuw sɛ mɛhyɛ ase denam me "apps" a mɛfa so anadwo yi na m'adum "location services" ama wɔn nyinaa ho. Me te wo "Aunty". | row_32.wav | |
Ɛyɛ krataa bi kɛkɛ sɛ mentumi nkɔ ayaresabea hɔ a mensuro, ɛnte saa? Na mmɔfra afoforo a wɔnni obi mpo a wɔne wɔn bɛkasa, te sɛnea me wɔ wɔ eyi nso ɛ? Me pɛ sɛ mentumi me nnamfo nkasa fa eyi ho a wɔnnsusu sɛ mereyɛ bɔne. | row_3.wav | |
So saa "helpline" yi nso boa onipa a wɔrehaw no mu anaasɛ onipa a wɔrehu erekɔso ho nkutoo ho dea. Me te nka sɛ me ho atɔ me kakraa bere a menim sɛ nnɔma bi wɔ hɔ a metumi aferɛ no, nanso mpɔntam hɔ foɔ nso ɛ? Ɛte senea obiara susuw sɛ, eyi ne senea asetra te. | row_42.wav | |
Sɛ meretenase bere a me maame ne me nnuaba de ahopere rekɔ nua aduane a, ɛte senea merefa wɔn so mfasoɔ, sɛ me papa ka sɛ ɛyɛ ɔkwan pa mpo, ebia na ne bo befuw, ɔmpɛsɛ wo bɛ bisabisa no nsɛm, titiriw me. | row_9.wav | |
Ɛtɔ dabi a, me susuw sɛ ɛyɛ me mfumsoɔ. Ebia me yɛ biribi de to nsa frɛ no. Me nnamfofoɔ a wɔwɔ sukuu no ka mmarima ho asɛm nanso wɔnka nnuanom mmarima a wɔyɛ eyi ho asɛm. Me te nka sɛ me nkutoo na me wɔ hɔ. Ehu aka me sɛ senea ɔbɛyɛ sɛ ohu sɛ me ka kyerɛ no. | row_53.wav | |
Ɛno yɛ ade titiriw a woahyɛ no so wɔ nsonsonoeɛ a ɛda mmarima ne mmaa ntɛm. Sɛ wo hu sɛ wo nua no regye n'ahome bere a wɔreyɛ adwuma no a, ɛma wo te nka dɛn? Ɛma me bofuw, me te nka se me nhomasua yɛ nea ɛtɔ so abien wɔ menfie nnoɔma no. Me te w'abasamtu no. | row_95.wav | |
Yebetumi aka nnea wɔhwɛ kwan fi me ho, bere a merekɔ mfe dunsia no ho asɛm. Sukuu adwuma pii, asɛdeɛ pii, ne nnipa a wɔbisa nea me pɛ sɛ me de m'asetra yɛ. Ɛte sɛ sɛnea emmu duru pii. Me pɛsɛ me hwɛ ho sɛ mereyɛ ama me ho na ɛnyɛ m'awofo nkutoo. | row_36.wav |