Dataset Viewer
Auto-converted to Parquet Duplicate
speaker_id
stringclasses
10 values
audio
audioduration (s)
0.5
84.1
text
stringlengths
1
881
4
Mommoa ɔman no ano, monyɛ ɔman nhyiam kronkron, monhyia nkɔkoraa, mommoa mmɔfra.
7
Na nasuafoɔ no kaee sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wo fie ho mmɔdemmɔ bɛhyɛ me me.
5
Ɛnna ne yere Isebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wodi Israel soɔ?
5
Paulo si mu kɔ Roma.
0
Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom.
5
Na ɔman no firii aseɛ ne Moab mmabaa bɔɔ adwaman; na wɔhyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduane ho; na ɔman no didii na wɔsɔree wɔn anyame no; na Israel de ne ho bɔɔ Baal-peor ho.
4
Nani beree Asiriafoɔ, amradofoɔ ne mmakoma a wɔba bɛpinkyɛɛ no no, wɔhyehyɛ ntadeɛ twom, wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ ara nko.
4
sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.
1
Na wɔyii no firi kɔɔ kuro no akyi kɔsii no aboɔ maa no wui.
6
Na Mordekai deɛ, wankoto na wansɔre no.
7
Nanso yei nyinaa akyiri no, nnansa ni a nsɛm yi siiɛ.
0
Enti anka yɛpɛɛ sɛ yɛba mo nkyɛn, me Paulo titire, ne prɛko ne mprenu so, nanso Satan sii yɛn kwan.
4
Nhyira ne apatafoɔ, na wɔn na wɔbɛfrɛ wɔn Nyankopɔn mma.
1
Asase so ahemfo.
3
Yosef ma ne nuanom awerɛhyɛmu.
7
Na Israelfoɔ tui, na wɔkɔtoo wɔn nkuro da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na wɔn nkuro ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim.
4
Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.
5
Na si bi fekɔfekɔ, na fa bi si Adanseɛ no anim ahyiaeɛ ntomadan no mu, deɛ me ne wo bɛhyia no: Ɛnyɛ mo akronkronneɛ mu ade kronkron.
4
Wahyeɛ wɔ po mfimfini, wabantofoɔ awie wo fɛ yɛ, Senir pepeaa na wɔde pempam.
7
Nso mo mu baako yɛ ɔbonsam!
1
SEFANIA 3.
7
Na wɔsee no sɛ: Obiara nni wabusua mu a wɔfrɛ no saa.
2
EFESOFOƆ 1.
1
Mununkum dum ne ogya dum.
4
Na Peka ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.
3
Na ɔbu ne ho bi ɔno ara ani so.
0
Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim no.
8
Na afei tie, O makoa Yakob.
1
Faako a wɔnsom Onyankopɔn.
7
Nnansia na fa yɛ wadwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no, fa home; na wo nantwie ne wafunumu nhome, na wafenaa ba ne wo hɔhoɔ nya ahomegyeɛ.
4
Ɔbuu wɔn bɛ foforɔ bi sɛ: Ɔsoro ahennie no te sɛ onipa bi a ɔguu aba pa nafuo mu.
7
Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Afei deɛ, deɛ ɔwɔ sika kotokuo no, ma no mfa, ne akwantuo bɔtɔ saa ara; na deɛ ɔnni bie no, ma no ntɔn ne ntoma mfa ntɔ nkrantɛ.
8
Mma adɔeɛ ne nokorɛ nnnyaa wo; fa kyekyere wo kɔn, twerɛ no wakoma pono so.
8
Ɛnna Temanni Elifas buaa sɛ: Onyansafoɔ de nimdeɛ huuhuu bɛbua, na ɔde apueeɛ mframa ahyɛ nafuru ma anaa?
4
Na ɔnyi bi mmra mmɛyɛ nayɛyɛdeɛ, AWURADE gya afɔdeɛ: Sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ soɔ no ne ayamdeɛ ho sradeɛ nyinaa; ne sawa mmienu no, ne sradeɛ a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛboɔ so ntentan no; ɔmfiri sawa ho nyi.
8
Na nagya Isak ka kyerɛɛ no sɛ: Twe pini bɛfe mano ɛ, me ba.
2
Mma nkumaa, monwɛn nyi mo ho mfiri ahonisom ho.
8
Hwɛ, ɔmumuyɛfoɔ nyinsɛn amumuyɛ, na ɔnyem ɛhaw, na ɔwo atorɔ.
8
Mɛto AWURADE adɔeɛ ho dwom daa, mede mano bɛka wo nokorɛdie makyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ; na mɛka sɛ: Adɔeɛ bɛsi so daa, ɔsoro hɔ na wode nokorɛdie atintim.
7
Na ɔreka saa no, mununkum ba bɛkataa wɔn so; na wɔrekɔ mununkum no mu no, wɔsuroe.
0
Gyeɛ a wɔgye Paulo.
7
Monhwɛ anene sɛ wɔnguo na wɔntwa, na wɔnni adekoradan anaa ɔsan; nanso Onyankopɔn yɛne wɔn.
8
Meyii ne mmatiri firii adesoa ase, ne ne nsa firii kɛntɛn ho; wofrɛɛ ahohia mu, na meyii wo wɔ mu, mefiri aprannaa mu megyee wo so.
0
Na obiara nni Ahasia fie bio a ɔbɛnya ahennie no ho ahoɔden.
7
Kyerɛpɛn a ɛdi kan no yɛ bogyanamboɔ, akrateboɔ ne ahahammonoboɔ; na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmienu yɛ nsramaboɔ, hoaboɔ ne bɔwerɛboɔ; na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ; na kyerɛpɛn a ɛtɔ so nnan yɛ sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ; ne nsisimu no wɔyɛɛ ho sika nnwinneɛ hyiae.
1
Yeremia ne ɔhene no nkɔmmɔbɔ.
4
Montie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan, na AWURADE na akasa.
7
Ɛnna Dawid ne ne mmarima no tuaa nhema sii mu sɛ wɔresane akɔ Filistifoɔ asase so.
3
Monnhyɛ me sɛ mobɛkyekyere me werɛ, me man babaa no sɛeɛ ho.
4
Na ɔbisaa wɔn sɛ: Na mo deɛ, mose mene hwan?
0
Monwɛn, monnyina mo gyidie mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.
4
Nanso nnua a wonim sɛ ɛnyɛ nnua a wɔdie no deɛ, sɛe no na twa fa yɛ kuro a ɛne wo redi ako no ntuaban kɔsi sɛ wobɛbrɛ no aseɛ.
1
Gehasi sikapɛ ne ɛho asotwe.
8
Bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so aduonu nson no na na asase so awo koraa.
8
Nhyira ne deɛ ɔdwene mmɔborɔni ho, AWURADE bɛgye no, da bɔne mu.
7
Aka kakra na wiase nhu me bio; na mo deɛ, mohu me, ɛfiri sɛ mete ase, na mo nso mobɛtena ase.
1
Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.
8
Susono ne ɔdɛnkyɛmmirampɔn.
7
Na ɔreyɛ abɛn efie no ho no, asraafoɔ ɔha so panin no somaa ne nnamfo bi baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Owura, nha wo ho, na mensɛ sɛ wobɛhyɛne me suhyɛ aseɛ; enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko, na makoa no ho nyɛ no den.
1
kɔsi sɛ ahohia yi bɛtwa mu.
0
Na bosome a ɛtɔ so mmienu no kuo so na Ahohini Dodai die, na ne kuo so bapɔmma ne Miklot; na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.
7
Na wɔde ahemfo yi firi brɛɛ Yosua no, Yosua frɛɛ Israel mmarima nyinaa bae, na ɔsee mmarima akofoɔ a wɔne no kɔeɛ no asafohene no sɛ: Montwe mpini mfa mo nan mmɛsisi ahemfo yi kɔn so.
8
Na ɔdii no nyansam, na ɔde ne mmammarima no nyinaa mu binom sisii Yuda ne Benyamin nsase no nyinaa so nkuro a ɛyɛ den no nyinaa mu, na ɔde akɔnhomabɔdeɛ bebree maa wɔn, na ɔgyegyee mmaa bebree aware memaa wɔn.
5
Yei na nnɔmmarima baasa no yɛeɛ.
8
Onyankopɔn, ahantanfoɔ asɔre atia me, na atirimuɔdenfoɔ asafo rehwehwɛ me kra, na wɔamfa wo ansi wɔn ani so.
4
Na ɔkaa sɛ: Sɛdeɛ Nyankopɔn ahennie no teɛ nie: Ɛte sɛ onipa bi bɛgu aba wɔ fam, na ɔda, na ɔnyane anadwo ne awia, na aba no fifire, na ɛnyini, na ɔnnim sɛdeɛ ɛyɛeɛ.
5
Na ɔhene sane baa Yordan ano.
4
Nanso wo berɛ so deɛ, merenyɛ, ɛsiane wagya Dawid nti, na wo ba nsam na mɛte afire; nanso makoa Dawid ne Yerusalem a mafa no nti, merente ahennie no nyinaa, na mede abusuakuo baako bɛma wo ba.
1
Na wɔn a wɔdiiɛ no yɛ mmarima mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho.
8
Na wɔse: Yɛ sɛdeɛ woaka yi.
7
Na AWURADE honhommɔne no baa Saulo so; na ɔte ne fie, na pea kura ne nsam, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo.
2
Na Maria Magdalene ne Maria Yose ne na, hunuu faako a wɔde no toeɛ.
7
Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hyɛ asɔfoɔ a wɔso adanseɛ adaka no, na wɔmforo mfiri Yordan mu.
2
ma wo tikwa ntrɛ sɛ ɔpɛtɛ deɛ, ɛfiri sɛ wɔatu wo nkyɛn kɔ.
0
Gye sɛ mommfata deɛ.
3
Ahantan de ntɔkwa nko na ɛba, na wɔn a wɔtie afotuo deɛ, nyansa ne wɔn te.
4
Ɛno nti, sɛ AWURADE ka no Yudahene Yehoiakim ho nie: Ɔrennya obiara a ɔbɛtena Dawid adwa soɔ, na ne funu nso, wɔbɛto atwene, na ahuhuro afa so awia, na awɔ afa so anadwo.
4
Na Hasael ba bɛhyiaa no, na ɔfaa ayɛyɛdeɛ kurae, ɛyɛ Damasko nnoɔma pa nyinaa mu bi, yoma aduanan na ɛsoso wɔn.
0
Mahli mma ne: Eleasa ne Kis.
2
2 AHEMFO 3.
5
Ɛserɛ yi so ara na wɔbɛsa, na wɔawuwu wɔ hɔ.
5
Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔwɔ he?
3
Abɔnefoɔ fifiri sɛ ɛfan.
7
Na sɛ ɔnyanee no firii awufoɔ mu, na ɔrensane nkɔ porɔ mu bio no, ɔkaa no wɔ saa kwan yi so sɛ: Mede Dawid adonneɛ a ɛsi hɔ pintinn no bɛma mo.
8
Na Rahel abaawa Bilha nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob.
1
agu asase no ho fi.
3
Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ yei.
8
Na ɛdeɛn na yɛnka?
8
Wo so na ntemu no wɔ.
8
Team denden, nnodo ho; ma wo nne so sɛ totorobɛnto, na ka me man mmarato ne Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn.
6
Na ɔmane bɛtenaa ase.
1
ne aban atentene ano sorɔnsorɔn soɔ.
4
Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa no, hyɛ nkɔm, onipa ba, na ka kyerɛ aframa no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ahome e, firi mframa nnan no mu bra, na bɛhome gu nnipa a wɔakunkum wɔn yi so, na wɔnnya nkwa.
4
Na fa nam ne mogya no bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn afɔrebukyia so, na wɔnhwie wafɔdeɛ no mogya ngu nafɔrebukyia no so, na nam no deɛ, di.
7
Sɛ obi bɛtie me nne na wahini ɛpono no a, mɛhyɛne mu maba ne nkyɛn, na me ne no abɛdidi, na ɔne me nso adidi.
1
Na ɔdanee ne ho kaa wɔn anim.
7
Ɛnna ɔsɔfoɔ no penee soɔ, na ɔfaa asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne ohoni a wɔasene no, na ɔde kɔɔ ɛdɔm no mu.
8
Enti, yei na wɔde bɛkata Yakob amumuyɛ soɔ, na yi a wɔreyi ne bɔne akorɔ no so aba nyinaa nie: Sɛ ɔbɛma afɔrebukyia aboɔ no nyinaa.
2
HIOB 10.
8
Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsane, na wɔde ahurisie aba Sion, na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi; ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.
End of preview. Expand in Data Studio
README.md exists but content is empty.
Downloads last month
149

Models trained or fine-tuned on ghananlpcommunity/asante-twi-bible-speech-text

Space using ghananlpcommunity/asante-twi-bible-speech-text 1

Collection including ghananlpcommunity/asante-twi-bible-speech-text