speaker_id stringclasses 9
values | audio audioduration (s) 0.58 25.6 | text stringlengths 9 252 | language stringclasses 1
value |
|---|---|---|---|
7 | Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu afɔrebukyia no nkyɛn nkyɛn na wɔde asoa. | asante_twi | |
4 | Na wo nso, sane kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn; sɔ adɔeɛ ne atemmuo mu, na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa daa. | asante_twi | |
4 | Ɔhunuu sɛ ɔkobɔfoɔ Israel awaresɛeɛ nti na megyae no maa no awaregyaeɛ nwoma deɛ, nanso ne nuabaa sansani Yuda ansuro, na ɔno nso kɔ kɔbɔɔ adwaman. | asante_twi | |
4 | Wonim mmara nsɛm no: Nni awu! | asante_twi | |
0 | Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom. | asante_twi | |
6 | Na Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom baanu no sɛ: Monsane nkɔ mo nanom fie. | asante_twi | |
3 | Nkyea ne ayeyie. | asante_twi | |
8 | Hwɛ, me nso meyɛ Nyankopɔn deɛ sɛ wo ara, anwommoɔ mu na wɔtii me nso firiiɛ. | asante_twi | |
4 | Na ɔtoo no twenee efa susudeɛ no mu, na ɔtoo sumpii boɔ no twenee ano. | asante_twi | |
8 | Na Noa woo mmammarima baasa, Sem, Ham, ne Yafet. | asante_twi | |
4 | Ɛdeɛn adanseɛ na menni woɔ, ɛdeɛn na memfa mento wo ho, Yerusalem babaa? | asante_twi | |
0 | Enti anka yɛpɛɛ sɛ yɛba mo nkyɛn, me Paulo titire, ne prɛko ne mprenu so, nanso Satan sii yɛn kwan. | asante_twi | |
2 | Nso obi nnom nsa dada na ɔnhwehwɛ foforɔ, na mmom ɔka sɛ: Dada no na ɛyɛ. | asante_twi | |
1 | Asase so ahemfo. | asante_twi | |
3 | Yosef ma ne nuanom awerɛhyɛmu. | asante_twi | |
4 | Na ɔsɔfoɔ no mfa mmra afɔrebukyia no ho, na ɔnte ne ti na ɔnhye no afɔrebukyia no so, na ɔnkyi ne mogya ngu afɔrebukyia no ho. | asante_twi | |
1 | Mmɔ korɔno! | asante_twi | |
5 | Na si bi fekɔfekɔ, na fa bi si Adanseɛ no anim ahyiaeɛ ntomadan no mu, deɛ me ne wo bɛhyia no: Ɛnyɛ mo akronkronneɛ mu ade kronkron. | asante_twi | |
4 | Wahyeɛ wɔ po mfimfini, wabantofoɔ awie wo fɛ yɛ, Senir pepeaa na wɔde pempam. | asante_twi | |
8 | Na ɔhyɛɛ no, na ɔgyee. | asante_twi | |
8 | Na ɔhyɛɛ onipa no sɛ: Turom ha nnua nyinaa, di bi. | asante_twi | |
7 | Na wɔsee no sɛ: Obiara nni wabusua mu a wɔfrɛ no saa. | asante_twi | |
4 | Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? | asante_twi | |
3 | Nnamfonom no kyeakyea mo. | asante_twi | |
4 | Na mede mo mebaa turo asase so, sɛ monni ɛso aba ne ɛso nnepa. | asante_twi | |
8 | Deɛ ɛdi kan no din de Pison, ɛno na ɛkonton twa Hawila asase a sika wɔ soɔ no nyinaa ho hyiae. | asante_twi | |
8 | Anantwie pa nson no yɛ mfeɛ nson, na mmɛtem nson pa no nso yɛ mfeɛ nson; ɛyɛ daeɛ korɔ. | asante_twi | |
8 | Onyankopɔn, wo na wofiri me mmɔfraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka wanwanwadeɛ no mabɛduru sɛsɛɛ. | asante_twi | |
4 | Atɛfoɔ firi akyirikyiri asase so reba, na wɔrebɛma wɔn nne so Yuda nkuro so. | asante_twi | |
5 | Na AWURADE buaa sɛ: Mogya ho afobuo aba Saulo ne ne fiefoɔ so sɛ ɔkumm Gibeonfoɔ no. | asante_twi | |
7 | Na fa sika amapa dura ho, emu ne ɛho nyinaa na dura, na yɛ sika hankra twa ho hyia. | asante_twi | |
5 | Yeinom ne Yuda mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduɔson nsia ne ahanum. | asante_twi | |
1 | Adwotwa ne ahonu frɛ. | asante_twi | |
5 | Na wɔtu firii Obot kɔkyeree nsraban Iye-abarim, Moab hyeɛ so. | asante_twi | |
4 | Ɔbotan no, nadeyɛ yɛ pɛ, na nakwan nyinaa yɛ tenenee; ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔteneneeni ne teefoɔ ne no. | asante_twi | |
1 | Na ɔyan no ne srɛ nifa no, Aaron him de yɛɛ ohim afɔdeɛ, AWURADE anim, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. | asante_twi | |
7 | Na asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafoɔ agye Nyankopɔn asɛm no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. | asante_twi | |
8 | Hwɛ, ɔmumuyɛfoɔ nyinsɛn amumuyɛ, na ɔnyem ɛhaw, na ɔwo atorɔ. | asante_twi | |
3 | Mmaa ahantanfoɔ atemmuo. | asante_twi | |
4 | Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fie no apueeɛ fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ no ano; na hwɛ, na mmarima aduonu nnum gyina ɔponkɛseɛ no ano, na mehunuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu. | asante_twi | |
3 | Ayeforɔkunu no ahoɔfɛ. | asante_twi | |
8 | Na Akbor ba Baal-hanan wui, na Hadar bɛdii nadeɛ. | asante_twi | |
1 | Ɛnna ɔsee wɔn sɛ: Meni! | asante_twi | |
5 | Na Mose de nteaseɛnam ne anantwie no maa Lewifoɔ no. | asante_twi | |
5 | Selofehad mmammaa kyɛfa ho asɛm. | asante_twi | |
2 | Nkwa asubɔnten ne nkwa dua no. | asante_twi | |
4 | Na Naftali ho nso, ɔkaa sɛ: Naftali a anisɔ amee no. | asante_twi | |
6 | Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔnyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no? | asante_twi | |
7 | Wɔn a wɔkan wɔn maa Efraim nsraban no nyinaa yɛ nnipa mpemha ne nwɔtwe, ne ɔha sɛdeɛ wɔn dɔm ahodoɔ no teɛ; na wɔn na wɔntɔ so mmiɛnsa ntuo. | asante_twi | |
5 | Asɔrefie no sie. | asante_twi | |
4 | Yei nti momfira ayitoma, montwa agyaadwo na mommɔ bena denden, ɛfiri sɛ AWURADE abufuhyeɛ no. | asante_twi | |
7 | Honhom no se: Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi. | asante_twi | |
8 | Mɛma wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mɛhyira wo din daa daa. | asante_twi | |
0 | Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara dea anaa? | asante_twi | |
7 | AWURADE ani so atua ara nko na monnteɛ, na monnsuro asase no sofoɔ no, na wɔyɛ yɛn aduane; wɔn kataman afiri wɔn so, na yɛn deɛ, AWURADE di yɛn akyi, monnsuro wɔn. | asante_twi | |
2 | 1 SAMUEL 20. | asante_twi | |
5 | Monnya no mma yɛnkɔ. | asante_twi | |
8 | Nsuo a emu dɔ ne ɔbarima anomu nsɛm, asutene a ɛba yie ne nyansa abura. | asante_twi | |
8 | Na Onyankopɔn tiee Lea, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so nnum maa Yakob. | asante_twi | |
0 | Ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ara mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, ɛfiri sɛ okunu yɛ ɛyerɛ ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no tiri no, na ɔno ara na ɔyɛ Agyenkwa ma nipadua no. | asante_twi | |
0 | Na bosome a ɛtɔ so mmienu no kuo so na Ahohini Dodai die, na ne kuo so bapɔmma ne Miklot; na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan. | asante_twi | |
3 | Mfa wanyankuku kra nhyɛ mmoa nsa, mma wo werɛ mmfiri wo mmɔborɔfoɔ kra da. | asante_twi | |
4 | Hwɛ, wo ne ɔhene da so rekasa wɔ hɔ no, me nso mɛdi wakyiri aba, na mabɛfoa wo so. | asante_twi | |
8 | Nanso wɔn deɛ, wɔanhunu makwan; sɛdeɛ mekaa ntam wɔ mabufuo mu no: Wɔrenhyɛne me home mu da. | asante_twi | |
8 | Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, ɛfiri sɛ na ɔyɛ obonini. | asante_twi | |
5 | Na wɔtu firii Iyim kɔkyeree nsraban Dibon-gad. | asante_twi | |
4 | Na ɔhene tee Nyankopɔn nipa no asɛm a ɔteaa mu tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel no, Yeroboam tenee ne nsa firii afɔrebukyia no so kaa sɛ: Monkye no. | asante_twi | |
8 | Bisa me, na mede amanaman bɛyɛ wo apɛgyadeɛ, na mama woafa asase ano nohoa adi so. | asante_twi | |
1 | Adom ne mmoa ho adesrɛ. | asante_twi | |
8 | Ɛnna wɔkaa sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekyere kuro, na yɛnto abantenten a natifi bɛduru soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani. | asante_twi | |
7 | Afei wɔmaa no so kɔɔ Nyankopɔn nifa, na ɔnyaa Agya no nkyɛn Honhom Kronkron bɔhyɛ nti na wahwie deɛ mohunu na moteɛ yi aguo. | asante_twi | |
0 | Na wo ara, wo nko ara na wonim nnipa mma akoma mu, deɛ ɛbɛyɛ na wɔasuro woɔ, na woanante wakwan soɔ nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no soɔ no nyinaa. | asante_twi | |
7 | Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hyɛ asɔfoɔ a wɔso adanseɛ adaka no, na wɔmforo mfiri Yordan mu. | asante_twi | |
7 | Na mesɔɔ me mpena no mu twitwaa no asinasini, na memaa wɔde kɔɔ Israel agyapadeɛ asase nyinaa so, ɛfiri sɛ wɔayɛ abusudeɛ ne nkwaseadeɛ Israel mu. | asante_twi | |
7 | Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi tene, ɔsoro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ no, na Honhom Kronkron wɔ ne so. | asante_twi | |
8 | Mekae tete nna, medwene wo nneyɛɛ nyinaa ho, mesusu wo nsa ano nnwuma ho. | asante_twi | |
1 | Na Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Menhunu afobusɛm biara onipa yi mu. | asante_twi | |
4 | Na Ɔsɔfoɔ Aaron mma no nsiesie nnyina wɔ afɔrebukyia no so, na wɔnsɔ ano. | asante_twi | |
8 | Ɔteneneeni tane atorosɛm, na abɔnefoɔ yɛ aniwudeɛ ne ahohoradeɛ. | asante_twi | |
3 | Noa afɔrebɔ. | asante_twi | |
4 | Asɛm a ɛdi soɔ yi firi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn no, na Ɔhene Sedekia ne ɔman a ɛwɔ Yerusalem no nyinaa apam sɛ wɔmpae ahofadie mma wɔn, sɛ wɔmma obiara akoa ne obiara afenaa a wɔyɛ Hebrifoɔ mfa wɔn ho nni, na obiara anni ne nua a ɔyɛ Yudani nya. | asante_twi | |
4 | Mani pore nisuo, na ɛnnyae, ɛnnya atwayɛ. | asante_twi | |
5 | Na Yuda nyinaa de ayuo ne nsa ne ngo ntotosoɔ du du ba bɛguu akoradeɛ no mu. | asante_twi | |
7 | Ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefie no, ɔteaa mu sɛ: Monim me, na monim deɛ mefire. | asante_twi | |
8 | Na ɔbisaa Laban sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ me yi? | asante_twi | |
5 | Na adɛn nti na wo somfoɔ nkɔ so nyɛ adesoa mma me wura ɔhene? | asante_twi | |
8 | Na ɔkaee nasɛm kronkron no, ɔkaee nakoa Abraham, na ɔyii ne man maa wɔde abotɔyam firii adi, ɔmaa wɔn a ɔyii wɔn no de ahurisie kɔe. | asante_twi | |
8 | Na AWURADE ani sɔ ne man, ɔde nkwagyeɛ hyehyɛ ahobrɛasefoɔ. | asante_twi | |
2 | ASOMAFOƆ 6. | asante_twi | |
0 | Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na medi aperepereɛ, sɛdeɛ nahoɔden adwuma a ɔyɛ no me mu tumi soɔ no teɛ. | asante_twi | |
6 | Na ɔmane bɛtenaa ase. | asante_twi | |
7 | Na Paulo sɔre gyinae, na ɔde ne nsa nyamm kaa sɛ: Israel mmarima ne mo a mosuro Onyankopɔn, montie! | asante_twi | |
4 | Sei na AWURADE me Nyankopɔn kaeɛ: Yɛne okum nnwankuo a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkumm wɔn na wɔnni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka AWURADE, na manya adeɛ; na wɔn ahwɛfoɔ nso nnodo wɔn ho. | asante_twi | |
8 | Wɔyi wɔn ntɔtɔfefewa adi sɛ nnwankuo, na wɔn mmotafowa nso hurihuri. | asante_twi | |
0 | Na ɔde nagya akronkronneɛ ne ɔno ara nakronkronneɛ baa Nyankopɔn fie: Dwetɛ, sika ne nnwinneɛ. | asante_twi | |
8 | Na gyidie mu na ma no mmisa, na ɔnnnye biribiara ho kyim, ɛfiri sɛ deɛ ɔgye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkyeɛ a mframa rebɔ de no redi akɔneaba. | asante_twi | |
7 | Ɛnna ɔsɔfoɔ no penee soɔ, na ɔfaa asɔfotadeɛ ne abusua ahoni ne ohoni a wɔasene no, na ɔde kɔɔ ɛdɔm no mu. | asante_twi | |
4 | Montu mmirika nkyini Yerusalem mmorɔno so, na monhwɛ ɛ, na monhunu, na monhwehwɛ ne mmɔntene so, sɛ mobɛhunu onipa bi, sɛ obi wɔ hɔ a ɔdi asɛntenenee, na ɔhwehwɛ nokorɛ, na memfa nkyɛ no. | asante_twi | |
8 | Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na menkɔsi afɔrebukyia wɔ hɔ memma Onyankopɔn a mahohiahia da ɔtiee me na ɔdii makyire wɔ kwan a mekɔeɛ no mu no. | asante_twi | |
8 | Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsane, na wɔde ahurisie aba Sion, na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi; ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane. | asante_twi |
End of preview. Expand in Data Studio
README.md exists but content is empty.
- Downloads last month
- 8